Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 16:17 - New Revised Asante Twi Bible

17 Na ɛyɛ mmerɛ sɛ ɔsoro ne asase bɛtwam sene sɛ mmara no ho nsensaneeɛ ketewa baako bɛtɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

17 Na ɛyɛ mmerɛ sɛ ɔsoro ne asase bɛtwam sene sɛ mmara no ho nsensaneeɛ ketewa baako bɛtɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

17 Ɛyɛ mmerɛw sɛ ɔsoro ne asase betwa mu sen sɛ mmara no mu nsensanee ketewa baako mpo bɛyera.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

17 Ɛyɛ mmerɛ sɛ ɔsoro ne asase bɛtwam sene sɛ mmara no mu nsensaneɛ ketewa baako mpo bɛyera.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

17 Na ɛyɛ mmerɛw sɛ ɔsoro ne asase betwam sen sɛ mmara no ho nsensanee ketewa biako bɛtɔ.

Ver Capítulo Copiar




Luka 16:17
11 Referencias Cruzadas  

Nwira dwan, na nhwiren twam, na yɛn Nyankopɔn asɛm bɛtim hɔ daa.


Momma mo ani so nkɔ soro, na monhwɛ asase ɛfam, na ɔsoro bɛyera sɛ wisie, na asase asu sɛ atadeɛ, na ɛsofoɔ awuwu sɛ anwansena, na me nkwagyeɛ bɛtena hɔ daa, na me nkwagyeɛ rensa da.


Na nokorɛ mese mo sɛ, ɔsoro ne asase nnya ntwaa mu yi, atwerɛdeɛ ketewa baako anaa nsensaneeɛ baako mpo remfiri mmara no mu ntwa mu, gye sɛ ne nyinaa aba mu ansa.


Ɔsoro ne asase bɛtwam, na me nsɛm deɛ, ɛrentwam da.


Ɛnneɛ na yɛnam gyidie so tuu mmara no guiɛ anaa? Dabi da, na mmom yɛma mmara no ase tim.


na Awurade asɛm deɛ, ɛte hɔ daa. Na yei ne asɛmpa a wɔaka akyerɛ mo no.


Na Awurade da no bɛba sɛdeɛ owifoɔ ba. Emu na ɔsoro de kukurududu bɛtwam akorɔ, na ewie mu mfitiasedeɛ bɛhye asɛe, na asase ne mu nnwuma bɛhye.


Na mehunuu ahennwa fitaa kokuroo ne deɛ ɔte soɔ a asase ne ɔsoro dwane firii n’anim; na wɔannya baabi amma wɔn.


Na mehunuu ɔsoro foforɔ ne asase foforɔ, na kane soro ne kane asase no atwam, na ɛpo nni hɔ bio.


Na ɔbɛpepa wɔn ani ase nisuo nyinaa. Na owuo nni hɔ bio, na awerɛhoɔ ne osu ne yea biara nni hɔ bio, ɛfiri sɛ kane nnoɔma no atwam.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios