Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 14:26 - New Revised Asante Twi Bible

26 Sɛ obi ba me nkyɛn, na ɔntane n’agya ne ne na ne ne yere ne ne mma ne ne nuammarimanom ne ne nuammaanom ne ɔno ara ne ho nso a, ɔntumi nyɛ me suani.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

26 Sɛ obi ba me nkyɛn, na ɔntane n’agya ne ne na ne ne yere ne ne mma ne ne nuammarimanom ne ne nuammaanom ne ɔno ara ne ho nso a, ɔntumi nyɛ me suani.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

26 “Sɛ obi pɛ sɛ odi mʼakyi a, ɛsɛ sɛ ɔdɔ me sen nʼawofo, ne yere, ne mma, ne nuanom ne nʼankasa ho, anyɛ saa a ɔrentumi nyɛ me suani.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

26 “Sɛ obi pɛ sɛ ɔdi mʼakyi a, ɛsɛ sɛ ɔdɔ me sene nʼawofoɔ, ne yere, ne mma, ne nuanom ne nʼankasa ho, anyɛ saa a, ɔrentumi nyɛ me suani.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

26 Sɛ obi ba me nkyɛn na wantan n’agya ne ne na ne ne yere ne ne mma ne ne nuammarima ne ne nuammea ne n’ankasa ne ho nso a, ontumi nyɛ me suani.

Ver Capítulo Copiar




Luka 14:26
18 Referencias Cruzadas  

Mede ɔtane pa metane wɔn, mebu wɔn m’atamfoɔ.


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Merenkɔ, na mmom me ara m’asase so ne m’abusua mu na mɛkorɔ.


Deɛ ɔpɛ agya anaa ɛna kyɛne me no, ɔmfata me; na deɛ ɔpɛ ɔbabarima anaa ɔbabaa kyɛne me no, ɔmfata me,


Na ɔfoforɔ se: Maware yere, enti merentumi memma.


Na nkurɔfoɔ akuakuo pii ne no nam. Na ɔdanee ne ho ka kyerɛɛ wɔn sɛ:


Deɛ ɔdɔ ne kra no, ɛbɛfiri ne nsa; na deɛ ɔtane ne kra wɔ wiase ha yi no, ɔbɛkora no akɔ daa nkwa mu.


Na memfa yei menyɛ biribi, nanso memmu me kra aboɔden memma me ho, na mede anigyeɛ mawie me nanteɛ ne ɔsom a menyaa no Awurade Yesu nkyɛn sɛ menni Nyankopɔn adom asɛmpa no ho adanseɛ.


sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Medɔɔ Yakob, na metanee Esau.


Sɛ ɔbarima bi wɔ yerenom baanu, na ɔdɔ ɔbaako, na ɔnnɔ ɔbaako, na wɔn baanu no no wowo mma ma no, na abakan no yɛ deɛ ɔnnɔ no no ba a,


Ɔno a ɔkaa wɔ n’agya ne ne na ho sɛ: Menni wɔn! Na wammu ne nuanom, na ɔpoo ne mma. Na wɔdi wo nsɛm so, na wɔkora w’apam;


Nanso ampa ara meda so mebu nnoɔma nyinaa adehwereɛ, m’Awurade Kristo Yesu ho nimdeɛ a ɛboro soɔ no nti. Ne nti na mebuu nnoɔma no nyinaa adehwereɛ, na mebu no sɛ sumina so adeɛ, na Kristo ayɛ me mfasoɔ,


Na wɔnam Adwammaa no mogya ne wɔn adanseɛ asɛm no so adi ne so nkonim, na wɔansuro sɛ wɔbɛwuo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios