Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 12:46 - New Revised Asante Twi Bible

46 akoa no wura bɛba da a ɔnhwɛ no kwan ne dɔn a ɔnnim mu, na wabɛtwa ne mu mmienu, na wama ɔno ne akyinnyegyefoɔ anya kyɛfa korɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

46 akoa no wura bɛba da a ɔnhwɛ no kwan ne dɔn a ɔnnim mu, na wabɛtwa ne mu mmienu, na wama ɔno ne akyinnyegyefoɔ anya kyɛfa korɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

46 ne wura no bɛba da a nʼani nna so sɛ ɔbɛba. Na sɛ ne wura no ba a, ɔbɛtwe nʼaso dennen na wabu no sɛ obi a onnye Onyankopɔn nni.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

46 ne wura no bɛba da a nʼani nna so sɛ ɔbɛba. Na sɛ ne wura no ba a, ɔbɛtwe nʼaso denden na wabu no sɛ obi a ɔnnye Onyankopɔn nni.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

46 akoa no wura bɛba da a ɔnhwɛ no kwan ne dɔn a onnim mu, na wabetwa ne mu abien, na wama ɔno ne akyinnyegyefo anya asotwe koro.

Ver Capítulo Copiar




Luka 12:46
14 Referencias Cruzadas  

Yei ne onipa ɔbɔnefoɔ kyɛfa a ɛfiri Nyankopɔn nkyɛn, ne n’agyapadeɛ a Onyankopɔn ahyɛ ama no no.


AWURADE sɔ ɔteneneeni hwɛ, na ɔbɔnefoɔ ne deɛ ɔpɛ amim deɛ, ne kra tane no.


na wɔbɛyi nnebɔneyɛfoɔ hɔ, na wɔn a wɔtwɛn AWURADE no, wɔn na wɔbɛnya asase no adie.


Na AWURADE rento ne man ntwene, na ɔrennya n’agyapadeɛ,


akoa no wura bɛba da a n’ani nna no kwan, ne dɔn a ɔnnim mu,


na wabɛtwitwa ne mu asinasini na wamma ɔne nyaatwomfoɔ anya kyɛfa korɔ. Ɛhɔ na osu ne setwerɛ wɔ.


Enti mo nso, monsiesie mo ho nsie, ɛfiri sɛ dɔn a monsusuo mu na Onipa Ba no bɛba.


Na sɛ akoa no se n’akomam sɛ: Me wura akyɛre ne ba, na ɔfiri aseɛ boro asomfoɔ ne mmaawa no, na ɔdidi na ɔnom boro a,


Na akoa no a ɔnim deɛ ne wura pɛ na wansiesie ne ho na wanyɛ sɛdeɛ ɔpɛ no, wɔbɛhwe no mmaa pii.


(Hwɛ, mereba sɛ owifoɔ. Nhyira ne deɛ ɔwɛn na ɔhwɛ ne ntadeɛ soɔ, na wannante adagya mu, na wɔanhunu ne kwaterekwa.)


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios