Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 11:52 - New Revised Asante Twi Bible

52 Mo mmarakyerɛfoɔ, monnue sɛ moafa nimdeɛ safoa; mo ara moankɔ mu, na wɔn a wɔrekɔ mu no nso, mosii wɔn kwan.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

52 Mo mmarakyerɛfoɔ, monnue sɛ moafa nimdeɛ safoa; mo ara moankɔ mu, na wɔn a wɔrekɔ mu no nso, mosii wɔn kwan.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

52 “Mo, mmaranimfo, munnue! Mode nokware hintaw mo nkurɔfo. Mo ankasa munni so, na mommma wɔn a wɔpɛ sɛ wodi so no kwan mma wonni so.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

52 “Mo, mmaranimfoɔ, monnue! Mode nokorɛ hinta mo nkurɔfoɔ. Mo ankasa monni so, na mommma wɔn a wɔpɛ sɛ wɔdi so no kwan mma wɔnni so.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

52 Mo mmarakyerɛfo, munnue sɛ moafa nimdeɛ safe; mo ankasa monkɔ mu, na wɔn a wɔrekɔ mu no nso, musiw wɔn kwan.

Ver Capítulo Copiar




Luka 11:52
10 Referencias Cruzadas  

Na ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ ano kora nimdeɛ, na wɔnyɛ nhwɛsoɔ mma afoforɔ, mmara no so die mu, ɛfiri sɛ asafo AWURADE bɔfoɔ ne no.


Na wɔn mu baako a ɔyɛ mmaranimfoɔ bisaa no de sɔɔ no hwɛɛ sɛ:


Monnue! Mo Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Sɛ moto ɔsoro ahennie mu nnipa anim; na mo ara monkɔ mu, nanso wɔn a wɔrekɔ mu no, mommma wɔn kwan nkɔ mu.


Na ɔfiri hɔ kɔeɛ no, Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ no fitii aseɛ hyɛɛ no so pii, na wɔhyɛɛ no kasa wɔ nsɛm bebree ho,


Na wɔtiee no, na wɔfrɛɛ asomafoɔ no bae, na wɔhwee wɔn hyɛɛ wɔn sɛ wɔnnkasa Yesu din mu, na wɔgyaa wɔn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios