Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 10:33 - New Revised Asante Twi Bible

33 Na Samariani bi a ɔnam ne kwan baa deɛ ɔwɔ hɔ, na ɔhunuu no no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

33 Na Samariani bi a ɔnam ne kwan baa deɛ ɔwɔ hɔ, na ɔhunuu no no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

33 Ankyɛ biara na Samariani bi nso beduu hɔ. Ohuu no no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

33 Ankyɛre biara na Samariani bi nso bɛpuee hɔ. Ɔhunuu no no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

33 Na Samariani bi a ɔnam ne kwan baa nea ɔwɔ hɔ, na ohuu no no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ.

Ver Capítulo Copiar




Luka 10:33
14 Referencias Cruzadas  

na fa wo man bɔne a wɔayɛ woɔ ne wɔn mmarato a wɔato afom woɔ no nyinaa kyɛ wɔn, na ma wɔnnya wɔn nnommumfafoɔ no anim mmɔborɔhunu, na wɔnhu wɔn mmɔbɔ.


Na ɔbuee soɔ no, ɔhunuu akɔkoaa no, na hwɛ, na ɔyɛ abarimaa a ɔresu. Na ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔse: Hebrifoɔ mma no bi nie.


Nnya w’adamfo ne w’agya adamfo, na w’amanehunu da, nhyɛne wo nua fie; wo fipamfoɔ a ɔbɛn yɛ sene onua a ɔwɔ akyirie.


Dummienu yi na Yesu somaa wɔn hyɛɛ wɔn sɛ: Mommmane nnkɔ amanaman kwan so, na monnhyɛne Samariafoɔ kuro biara mu,


ɛnsɛ sɛ wo nso wohunu w’awirakwaa mmɔbɔ sɛdeɛ mehunuu wo mmɔbɔ no anaa?


Saa ara nso na Lewini bi a ɔbaa hɔnom, ɔbɛhunuu no no, ɔsianee ne ho kɔeɛ.


Na ɔkɔɔ ne nkyɛn kɔkyekyeree n’akuro no, de ngo ne nsa guguu mu, na ɔde no tenaa ɔno ara n’aboa so de no kɔɔ ahɔhodan mu kɔhwɛɛ no.


Na Awurade hunuu ɔbaa no no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Nsu!


Ɛnna Samariani baa no see no sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na wo a woyɛ Yudani, bisa me a meyɛ Samariani baa hɔ nsuo anom? (Ɔkaa saa ɛfiri sɛ na Yudafoɔ ne Samariafoɔ nka.)


Ɛnna Yudafoɔ no bua see no sɛ: Yɛanka ampa sɛ, woyɛ Samariani na wowɔ honhommɔne?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios