Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 10:28 - New Revised Asante Twi Bible

28 Na ɔsee no sɛ: Woabua no yie; yɛ yei, na wobɛnya nkwa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

28 Na ɔsee no sɛ: Woabua no yie; yɛ yei, na wobɛnya nkwa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

28 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Woabua no yiye. Yɛ eyinom na wubenya nkwa.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

28 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Woabua no yie. Yɛ yeinom na wobɛnya nkwa.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

28 Na osee no sɛ: Woabua no yiye; yɛ eyi, na wubenya nkwa.

Ver Capítulo Copiar




Luka 10:28
14 Referencias Cruzadas  

Na wodii wɔn adanseɛ sɛ wobɛsane wɔn aba wo mmara no mu; nanso, wɔdii ahantansɛm, na wɔantie wo mmara nsɛm, na wo atemmudeɛ nso, wɔyɛɛ ho bɔne, nso ɛno na sɛ obi di so a, ɔnya nkwa. Na wɔhimaa wɔn mmati firii ho, na wɔsensenee wɔn kɔn, na wɔantie.


Deɛ ɔkora mmara asɛm no kora ne kra, na deɛ ɔnhwɛ n’akwan yie no bɛwu.


Na mede m’ahyɛdeɛ maa wɔn, na memaa wɔhunuu m’atemmudeɛ a sɛ onipa yɛ a, ɔnya mu nkwa no.


Na Israel fie tee m’anim atua ɛserɛ so; wɔanni m’ahyɛdeɛ so na wɔpoo m’atemmudeɛ a sɛ onipa yɛ a, ɔbɛnya mu nkwa no, na me home nna nso, wɔguu ho fi bebree. Ɛnna mese: Merehwie m’anibereɛ agu wɔn so, ɛserɛ so, na madwerɛ wɔn.


Na mma no nso tee me so atua, wɔannante m’ahyɛdeɛ no mu, na wɔanni m’atemmudeɛ so anyɛ deɛ onipa yɛ a, ɔbɛnya mu nkwa no; me home nna nso, wɔguu ho fi. Ɛnna mese: Merehwie m’anibereɛ agu wɔn so, na mawie m’abufuo wɔn mu ɛserɛ no so.


Mene AWURADE mo Nyankopɔn. Na monkora m’ahyɛdeɛ ne m’atemmudeɛ a onipa a ɔyɛ no bɛnya mu nkwa no. Mene AWURADE.


Na ɔsee no sɛ: Adɛn nti na wobisa me papa ho asɛm? Ɔbaako na ɔyɛ. Na sɛ wopɛ sɛ wokɔ nkwa mu a, di mmara nsɛm no so!


Na Yesu hunuu sɛ wabua no nyansam no, ɔsee no sɛ: Wo ne Nyankopɔn ahennie ntam kwan nware. Na obiara antumi ammisa no asɛm biara bio.


Na Simon buaa se: Mesusu sɛ deɛ ɔde bebrebe kyɛɛ no no. Na ɔsee no sɛ: Woabua no yie.


Na Kristo ne mmara no awieeɛ a ɛma wɔn a wɔgye die nyinaa kɔ tenenee mu.


Na yɛnim sɛ biribiara a mmara seɛ no, ɛka kyerɛ wɔn a wɔwɔ mmara no ase, na wɔamua obiara ano, na wiase nyinaa aba Nyankopɔn atemmuo mu.


na me deɛ, mewui, na saa mmara korɔ no ara a ɛhyɛɛ me nkwa ho bɔ no, ɛno ara nso abɛyɛ owuo ama me.


Ɛwom sɛ mmara mfiri gyidie mu deɛ, nanso deɛ ɔdi soɔ no bɛnya mu nkwa.


Na AWURADE hyɛɛ yɛn sɛ yɛnyɛ ahyɛdeɛ yi nyinaa na yɛnsuro AWURADE yɛn Nyankopɔn, na ɛnsi yɛn yie nna nyinaa, na ɔmma yɛnnya nkwa, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios