Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 1:80 - New Revised Asante Twi Bible

80 Na abɔfra no nyiniiɛ, na ɔnyaa honhom mu ahoɔden; na ɔtenaa serɛ so de kɔduruu da a ɔde ne ho kɔkyerɛɛ Israel.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

80 Na abɔfra no nyiniiɛ, na ɔnyaa honhom mu ahoɔden; na ɔtenaa serɛ so de kɔduruu da a ɔde ne ho kɔkyerɛɛ Israel.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

80 Abofra no nyinii na honhom hyɛɛ no ma; ɔtenaa sare so kosii bere a ofii nʼasɛnka adwuma ase.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

80 Abɔfra no nyinii na honhom hyɛɛ no ma; ɔtenaa ɛserɛ so kɔsii ɛberɛ a ɔfirii nʼasɛnka adwuma ase.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

80 Na abofra no nyinii, na onyaa honhom mu ahoɔden; na ɔtenaa sare so de koduu da a ɔde ne ho kɔkyerɛɛ Israel.

Ver Capítulo Copiar




Luka 1:80
11 Referencias Cruzadas  

Na yeinom rekorɔ no, Yesu firii aseɛ kaa Yohane ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no sɛ: Ɛdeɛn na mofirii adi kɔɔ serɛ so kɔhwɛeɛ? Mmɛwa a mframa rehim anaa?


Na nna no mu no, Yohane a ɔyɛ osuboni no ba bɛkaa asɛm wɔ Yudea serɛ so


Ɛfiri sɛ ɔbɛyɛ kɛseɛ Awurade anim, na ɔrennom bobesa anaa nsa biara, na Honhom Kronkron bɛhyɛ no ma afiri ne na yam mpo.


Na abɔfra no nyiniiɛ, na ɔyɛɛ nnam, na nyansa yɛɛ no ma, na Nyankopɔn adom wɔ ne so.


Na Yesu nyinii nyansa ne kɛseyɛ ne Nyankopɔn ne nnipa nkyɛn adom mu.


Na me deɛ, anka mennim no; na sɛ wɔbɛyi no akyerɛ Israel nti na meba mebɛbɔɔ asu nsuo mu.


Na ɔde n’asɛm kaa Yudafoɔ no gui wɔ badwam, nam twerɛsɛm so kyerɛɛ pefee sɛ Yesu ne Kristo no.


Na AWURADE bɛhwɛɛ Hana, na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo mmammarima baasa ne mmammaa baanu. Na abɔfra Samuel no nyinii AWURADE anim.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios