Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 1:69 - New Revised Asante Twi Bible

69 na wama nkwagyeɛ abɛn so ama yɛn n’akoa Dawid fie,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

69 na wama nkwagyeɛ abɛn so ama yɛn n’akoa Dawid fie,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

69 Ɔde Agyenkwa Tumfo a ɔyɛ ne somfo Dawid aseni rebrɛ yɛn,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

69 Ɔde Agyenkwa Otumfoɔ a ɔyɛ ne ɔsomfoɔ Dawid aseni rebrɛ yɛn,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

69 na wama nkwagye abɛn so ama yɛn, n’akoa Dawid fi,

Ver Capítulo Copiar




Luka 1:69
23 Referencias Cruzadas  

me botantim Nyankopɔn a medwane mekɔtoa no. Me kyɛm ne me nkwagyeɛ abɛn, m’abantenten ne me dwanekɔbea, m’agyenkwa a wogyee me firii akakabensɛm mu.


Na wo din bɛkorɔn akɔsi daa na wɔaka sɛ: Asafo AWURADE ne Israel so Nyankopɔn. Na w’akoa Dawid fie bɛgyina w’anim pintinn.


nanso m’akoa Dawid ne Yerusalem a mafa no nti, merente ahennie no nyinaa, na mede abusuakuo baako bɛma wo ba.


AWURADE ne me botan ne m’abankɛseɛ ne me gyefoɔ, me Nyankopɔn ne me botantim a medwane kɔtoa no, me kyɛm ne me nkwagyeɛ abɛn, m’abantenten.


Na wɔn ahoɔden ahyehyɛdeɛ ne wo, na w’adom mu na wɔama yɛn abɛn soɔ.


Me ne deɛ mayi no no apam apam bi, maka ntam makyerɛ m’akoa Dawid:


Na wɔbɛsom AWURADE, wɔn Nyankopɔn, ne wɔn hene Dawid a mɛma no so mama wɔn no.


Ɛda no na mɛma abɛn bi afifiri ama Israel fie, na wo na mɛma wo kwan na woabue w’ano wɔ wɔn mu, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.


Ɛda no, mɛma Dawid sese a ahwe aseɛ no agyina hɔ, na mapempam wɔn mpaepaeɛ no, na magyina n’afasusini, na mato no sɛ tete nna no.


Yesu Kristo, Dawid ba, Abraham ba no awoɔ ntoatoasoɔ.


Nhyira ne yɛn agya Dawid ahennie a ɛreba no! Hosiana wɔ sorosoro!


Me, Yesu, na masoma me bɔfoɔ sɛ ɔmmɛdi mo nnoɔma yi ho adanseɛ asafo no mu. Mene Dawid nhini ne n’aseni, adekyeeɛ nsoromma a ɛhran no.


Hana nso bɔɔ mpaeɛ sɛ: M’akoma di AWURADE mu ahurisie, AWURADE mu na wɔama m’abɛn soɔ; M’anomu atrɛ m’atamfoɔ so, ɛfiri sɛ m’ani gye wo nkwagyeɛ mu.


AWURADE atamfoɔ bɛwie pasaa, na ɔbɛma n’aprannaa abom ɔsoro agu wɔn so. AWURADE bɛbu asase ano atɛn; ɔde ahoɔden bɛma ne hene, na wama deɛ wasra no ngo no abɛn so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios