Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 1:63 - New Revised Asante Twi Bible

63 Na ɔgyee twerɛpono ketewa bi twerɛɛ so sɛ: Ne din ne Yohane. Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa nwanwa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

63 Na ɔgyee twerɛpono ketewa bi twerɛɛ so sɛ: Ne din ne Yohane. Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa nwanwa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

63 Sakaria ma wɔde krataa brɛɛ no na ɔkyerɛw so se, “Ne din de Yohane.” Eyi yɛɛ wɔn nyinaa nwonwa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

63 Sakaria maa wɔde krataa brɛɛ no na ɔtwerɛɛ so sɛ, “Ne din de Yohane.” Yei yɛɛ wɔn nyinaa nwanwa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

63 Na ogyee kyerɛwpon ketewa bi kyerɛw so sɛ: Ne din ne Yohane. Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa nwonwa.

Ver Capítulo Copiar




Luka 1:63
7 Referencias Cruzadas  

Mma adɔeɛ ne nokorɛ nnnyaa wo; fa kyekyere wo kɔn, twerɛ no w’akoma pono so.


Afei kɔ na kɔtwerɛ no ɛpono bi so ma wɔn, na kurukyire hyɛ nwoma mu, na ɛntena hɔ nyɛ adanseɛ nkɔsi daa daa.


Yuda bɔne no, wɔde dadeɛ twerɛdua ne hyerɛmmoɔ ano na atwerɛ, wɔakurukyire no wɔn akoma apono so ne wɔn afɔrebukyia mmɛn so,


Na AWURADE buaa me sɛ: Twerɛ adehunu no, na kyerɛkyerɛ mu gu aboɔpono so, na wɔatumi akan no wɔ ahoɔherɛ so.


Na Yesu teeɛ no, ɛyɛɛ no nwanwa, na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔdi n’akyire no sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, Israel mu mpo menhunuu gyidie kɛseɛ a ɛte sɛɛ pɛn.


Na ɔbɔfoɔ no see no sɛ: Sakaria, nsuro, na wɔatie wo mpaebɔ, na wo yere Elisabet bɛwo ɔbabarima ama wo, na woato ne din Yohane.


nanso ne na kaa sɛ: Dabi, wɔmfrɛ no Yohane.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios