Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 1:48 - New Revised Asante Twi Bible

48 ɛfiri sɛ wahwɛ n’afenaa ohia asetena. Na hwɛ, ɛfiri nnɛ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa bɛfrɛ me nhyira;

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

48 ɛfiri sɛ wahwɛ n’afenaa ohia asetena. Na hwɛ, ɛfiri nnɛ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa bɛfrɛ me nhyira;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

48 efisɛ wahu nʼafenaa mmɔborɔni mmɔbɔ, na efi nnɛ, awo ntoatoaso nyinaa bɛfrɛ me nea Onyankopɔn ahyira no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

48 ɛfiri sɛ, wahunu nʼafenawa mmɔborɔni mmɔbɔ, na ɛfiri ɛnnɛ, awontoatoasoɔ nyinaa bɛfrɛ me deɛ Onyankopɔn ahyira no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

48 efisɛ wahwɛ n’afenaa ohia asetena. Na hwɛ, efi nnɛ awo ntoatoaso nyinaa bɛfrɛ me nhyira;

Ver Capítulo Copiar




Luka 1:48
19 Referencias Cruzadas  

Na Lea kaa sɛ: M’ahotɔ nie! Na mmaa bɛfrɛ me deɛ wɔahyira no. Na ɔtoo no din Aser.


Na afei kɔka kyerɛ m’akoa Dawid sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Me na mefaa wo firii nnwanhwɛbea, firii nnwan akyiridie sɛ bɛyɛ me man Israel so hene.


wadane n’ani akyerɛ onnibie mpaebɔ, na wampo wɔn mpaebɔ.


Deɛ ɔkaee yɛn yɛn ahobrɛaseɛ mu, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.


Na AWURADE wɔ sorosoro, na ɔhwɛ ahobrɛasefoɔ, na ahantanfoɔ deɛ, ɔhu wɔn wɔ akyirikyiri.


Ne din bɛtena hɔ daa, na owia wɔ hɔ yi ne din asi so, na nnipa de no ahyira wɔn ho, na amanaman nyinaa ahyira no.


Na yeinom nyinaa, me nsa na ɛyɛeɛ, saa nti yeinom nyinaa yɛ me dea, AWURADE asɛm nie. Na deɛ mɛhwɛ no nie: Deɛ ɔbrɛ ne ho aseɛ, na ne honhom abubuo, na ne ho popo m’asɛm ano.


Na amanaman nyinaa bɛbu mo ahotɔfoɔ, na mobɛyɛ anika asase, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Na ɔbɔfoɔ no baa ne nkyɛn bɛkaa sɛ: Ei, ma w’ani nnye, wo a wɔadom woɔ! Awurade ka wo ho.


na ɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Wɔahyira wo mmaa mu, na wɔahyira wo yam adeɛ!


Na nhyira ne deɛ wagye adie, ɛfiri sɛ nsɛm a Awurade ama wɔabɛka akyerɛ no no bɛba mu.


ɛfiri sɛ Otumfoɔ no ayɛ adeɛ kɛseɛ ama me, na ne din ne kronkron,


Na ɛbaa sɛ ɔreka yeinom no, ɔbaa bi a ɔwɔ nkurɔfokuo no mu maa ne nne so ka kyerɛɛ no sɛ: Nhyira ne yafunu a ɛwoo woɔ ne nufoɔ a wonumiiɛ!


Na ɔhyɛɛ bɔ sɛ: Asafo AWURADE, sɛ wohwɛ w’afenaa amanehunu na wokae me, na wo werɛ amfiri w’afenaa, na woma w’afenaa ɔbabanin a, ɛnneɛ mede no bɛma AWURADE ne nkwa nna nyinaa, na oyiwan biara renka ne ti.


Ɔma mmɔborɔni so firi mfuturo mu, na ɔma ohiani so firi sumina so, sɛ ɔde no bɛtena mmapɔmma mu, na wama no anya animuonyam adwa so atena. Na asase nnyinasoɔ yɛ AWURADE dea, na ɔde wiase asi so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios