Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 1:42 - New Revised Asante Twi Bible

42 na ɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Wɔahyira wo mmaa mu, na wɔahyira wo yam adeɛ!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

42 na ɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Wɔahyira wo mmaa mu, na wɔahyira wo yam adeɛ!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

42 Elisabet de ahosɛpɛw teɛɛ mu se, “Maria, wɔahyira wo sen mmea nyinaa, na wo ba a wobɛwo no no bɛyɛ onipa kɛse.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

42 Elisabet de ahosɛpɛ teaam sɛ, “Maria, wɔahyira wo sene mmaa nyinaa, na wo ba a wobɛwo no no bɛyɛ onipa kɛseɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

42 na ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: Wɔahyira wo mmea mu, na wɔahyira wo yam ade!

Ver Capítulo Copiar




Luka 1:42
13 Referencias Cruzadas  

Na w’asefoɔ mu na wɔbɛhyira asase so amanaman nyinaa, ɛfiri sɛ woatie me nne.


Aane, wode no asi hɔ sɛ nhyira nko ara daa, wode w’anim anigyeɛ gye n’ani.


Wo ho yɛ fɛ sene nnipa mma, wɔde adom ahyɛ w’anomu ma. Enti na Onyankopɔn ahyira wo daa.


Na ɔbɔfoɔ no baa ne nkyɛn bɛkaa sɛ: Ei, ma w’ani nnye, wo a wɔadom woɔ! Awurade ka wo ho.


Na ɛbaa sɛ Elisabet tee Maria nkyea no, akɔkoaa no hurii ne yam; na Honhom Kronkron hyɛɛ Elisabet ma,


Na yei firi he sɛ m’Awurade ne na reba me nkyɛn yi?


ɛfiri sɛ wahwɛ n’afenaa ohia asetena. Na hwɛ, ɛfiri nnɛ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa bɛfrɛ me nhyira;


sɛ: Nhyira ne ɔhene a ɔnam Awurade din mu reba no! Asomdwoeɛ wɔ soro, na animuonyam wɔ sorosoro nohoa!


na agyanom no nso wɔ wɔn, na honam fam no, Kristo a ɔyɛ ade nyinaa so Nyankopɔn a wɔhyira no daa daa no firi wɔn mu bae. Amen.


nhwɛ gyidie mu kannifoɔ ne ne wiefoɔ Yesu a ɔhwɛɛ anigyeɛ a ɛda n’anim too ne bo ase hunuu asɛnnua amaneɛ, na wammu aniwuo, na wakɔtena Nyankopɔn ahennwa nifa.


Wɔnhyira Yael, mmaa mu, Kenini Heber yere no, wɔnhyira no ntomadan mu, mmaa mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios