Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 1:19 - New Revised Asante Twi Bible

19 Na ɔbɔfoɔ no bua see no sɛ: Mene Gabriel a megyina Nyankopɔn anim, na wɔasoma me sɛ memmɛkasa menkyerɛ wo, na menka wo nsɛmpa yi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

19 Na ɔbɔfoɔ no bua see no sɛ: Mene Gabriel a megyina Nyankopɔn anim, na wɔasoma me sɛ memmɛkasa menkyerɛ wo, na menka wo nsɛmpa yi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Ɔbɔfo no kae se, “Mene Gabriel a migyina Onyankopɔn anim daa no. Ɔno na ɔsomaa me se memmɛka asɛmpa yi nkyerɛ wo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Ɔbɔfoɔ no kaa sɛ, “Mene Gabriel a megyina Onyankopɔn anim daa no. Ɔno na ɔsomaa me sɛ memmɛka asɛmpa yi nkyerɛ wo.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

19 Ɛnna ɔbɔfo no bua see no sɛ: Mene Gabriel a migyina Onyankopɔn anim, na wɔasoma me sɛ memmɛkasa menkyerɛ wo, na menka wo nsɛm pa yi.

Ver Capítulo Copiar




Luka 1:19
8 Referencias Cruzadas  

na metee onipa nne, Ulai nsunoa a ɔfrɛɛ sɛ: Gabriel, ma oyi nte adehunu no ase.


Monhwɛ na moantiatia nkumaa yi mu baako anim, na mese mo sɛ ɔsoro hɔ, wɔn abɔfoɔ hwɛ m’agya a ɔwɔ soro no anim daa.


Na hwɛ, wobɛtɔre mum, na worentumi nkasa de bɛkɔ akɔsi da a yeinom bɛba mu, ɛfiri sɛ, woannye me nsɛm a ɛbɛba mu ne berɛ mu no anni.


Na bosome a ɛtɔ so nsia no mu no, Onyankopɔn somaa Ɔbɔfoɔ Gabriel kɔɔ Galilea kuro bi a wɔfrɛ no Nasaret mu,


Na ɔbɔfoɔ no see wɔn sɛ: Monnsuro, na hwɛ, mede asɛmpa a ɛyɛ anigyeɛ pii na ɛbɛyɛ aman nyinaa dea merebrɛ mo,


Enti monwɛn na monsrɛ daa, na moanya ahoɔden de adwane afiri nnoɔma a ɛrebɛba yi nyinaa mu, na moakɔgyina Onipa Ba no anim.


Enti, sɛ yɛwɔ ɔsɔfo panin kɛseɛ a watwa mu ɔsoro, a ɔno ne Yesu, Nyankopɔn Ba no yi, momma yɛnsɔ yɛn gyidie asɛm a yɛgyina so ka no mu dendeenden.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios