Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Kolosefo 4:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 Me nkyea a me Paulo mede me nsa metwerɛ nie. Monkae me mpokyerɛ no. Adom nka mo nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

18 Me nkyea a me Paulo mede me nsa metwerɛ nie. Monkae me mpokyerɛ no. Adom nka mo nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Me Paulo, me nsa ano nkyerɛw a mede kyia mo ni: Monkae me mpokyerɛ no. Onyankopɔn adom nka mo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Me, Paulo, me nsa ano atwerɛ a mede kyea mo nie: Monkae me mpɔkyerɛ no. Onyankopɔn adom nka mo.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

18 Me nkyia a me Paulo mede me nsa mekyerɛwee ni. Monkae me mpokyerɛ no. Adom nka mo nyinaa.

Ver Capítulo Copiar




Kolosefo 4:18
14 Referencias Cruzadas  

na asomdwoeɛ Nyankopɔn no bɛpɛkyɛ Satan mo nan ase ntɛm. Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo.


Me Tertio a meretwerɛ nwoma yi, mekyea mo Awurade mu,


Gaio a ɔyɛ me ne asafo no nyinaa fiewura kyea mo. Erasto a ɔyɛ kurom ha sikakorafoɔ ne onua Kwarto kyea mo.


Me Paulo me nsam nkyea ni.


Awurade Yesu Kristo adom, Onyankopɔn dɔ ne Honhom Kronkron ayɔnkofa nka mo nyinaa.


Ɛyɛ ma me sɛ medwene saa fa mo ho, ɛfiri sɛ moda m’akoma so pa ara, na mo nyinaa ne me wɔ kyɛfa wɔ Nyankopɔn adom no mu, me mpokyerɛ mu ne ɛberɛ a megyinaa pintinn twitwa gyee asɛmpa no na mepae mu kae no.


Na mommɔ mpaeɛ mma yɛn nso bi, na Onyankopɔn nhini asɛm no pono mma yɛn, na yɛaka Kristo ahuntasɛm a enti meda afiase yi,


Me Paulo nkyea a mede me ara me nsa metwerɛeɛ. Yei di adanseɛ wɔ me nwoma nyinaa mu sɛ ɔkwan a mefa so twerɛ nie.


Ɛno na ebinom yi kyerɛeɛ, pae firii gyidie no ho. Adom nka mo.


Enti mma w’ani nnwu yɛn Awurade adansedie ne me a meyɛ ne deduani no ho, na mmom hunu asɛmpa no ho amane bi, sɛdeɛ Nyankopɔn ahoɔden teɛ no.


Awurade ne wo honhom ntena. Adom nka wo.


Wɔn a wɔne me wɔ ha nyinaa kyeakyea wo. Kyeakyea wɔn a wɔdɔ yɛn wɔ gyidie no mu. Adom nka mo nyinaa.


Adom nka mo nyinaa. [Amen.]


Monkae nneduafoɔ, sɛdeɛ mo ne wɔn na ɛda afiase, ne wɔn a wɔhunu amane biara, sɛ mo ara nso moda so wɔ honam mu yi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios