Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Kolosefo 3:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 Na momma Kristo asomdwoeɛ nni hene wɔ mo akoma mu, ɛno mu nso na wɔafrɛ mo aba, nipadua baako mu; na monnyɛ bonniayɛfoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

15 Na momma Kristo asomdwoeɛ nni hene wɔ mo akoma mu, ɛno mu nso na wɔafrɛ mo aba, nipadua baako mu; na monnyɛ bonniayɛfoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Momma Kristo asomdwoe no ntena mo koma mu. Saa asomdwoe yi ho na wɔafrɛ mo nyinaa aba Kristo nipadua koro mu. Monyɛ nnipa a wɔwɔ ayeyi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Momma Kristo asomdwoeɛ no ntena mo akoma mu. Saa asomdwoeɛ yi ho na wɔafrɛ mo nyinaa aba Kristo onipadua baako mu. Monyɛ nnipa a wɔwɔ ayɛyie.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

15 Na momma Kristo asomdwoe nni panyin mo koma mu, ɛno mu nso na wɔafrɛ mo aba, nipadua biako mu; na monnyɛ boniayɛfo.

Ver Capítulo Copiar




Kolosefo 3:15
35 Referencias Cruzadas  

Momfa aseda nhyɛne n’aponkɛseɛ mu, na momfa ayeyie mmra n’abannwa so. Monna no ase, monhyira ne din.


na wɔmmɔ aseda afɔdeɛ, na wɔmfa ahurisie dwom nka ne nneyɛɛ.


Wo na mɛbɔ wo aseda afɔdeɛ, na mabɔ AWURADE din.


AWURADE bɛma ne man ahoɔden, AWURADE de asomdwoeɛ bɛhyira ne man.


Deɛ n’adwene tim wo soɔ na wobɛkora no asomdwoeɛ a ɛdi mu mu, ɛfiri sɛ wo so na ɔde ne ho toɔ.


Agye sɛ wɔdwane bɛtoa me, na wɔne me di asomdwoeɛsɛm, asomdwoeɛsɛm na ma wɔne me nnie.


Na sɛ deɛ ɔkorɔn na wɔama no soɔ, deɛ ɔte hɔ daa na ne din yɛ kronkron no seɛ nie: Mete soro ne deɛ ɛhɔ yɛ kronkron, ne deɛ wabubuo na ne honhom brɛ aseɛ no nkyɛn nso, sɛ mɛma ahobrɛasefoɔ honhom anya nkwa, na mama wɔn a wɔabubu wɔn no akoma anya nkwa.


Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ nka deɛ ɔwɔ akyirikyiri ne deɛ ɔbɛn, AWURADE na ɔseɛ, na mɛsa no yadeɛ.


Na me deɛ, mede aseda nne bɛbɔ wo afɔdeɛ, deɛ mahyɛ ho bɔ no, mɛtua; ɛfiri sɛ, nkwagyeɛ wɔ AWURADE!


Asomdwoeɛ na mede megya mo, m’asomdwoeɛ na mede mema mo; ɛnyɛ sɛdeɛ wiase ma na mema mo. Mommma mo akoma nntutu, nso mommma no mmmɔ mo hu.


Yeinom na maka mo, na moanya me mu asomdwoeɛ. Mo ho bɛhiahia mo wiase deɛ, nanso momma mo bo ntɔ mo yam! Madi wiase so nkonim.


ɛfiri sɛ wɔnim Onyankopɔn deɛ, nanso wɔanhyɛ no animuonyam sɛ Onyankopɔn, na wɔanna no ase, na mmom wɔn adwene yɛ nkwasea adwene na sum ahyɛ wɔn akoma a nteaseɛ nni mu no ma.


Na Nyankopɔn ahennie nyɛ adidie ne ɔnom, na mmom ɛyɛ tenenee ne asomdwoeɛ ne Honhom Kronkron mu anigyeɛ.


Na anidasoɔ Nyankopɔn mfa gyidie mu anigyeɛ ne asomdwoeɛ nyinaa nhyɛ mo ma, na moaboro so anidasoɔ mu, Honhom Kronkron ahoɔden mu.


Afei ɛfiri gyidie mu na wɔabu yɛn bem nti, yɛnam yɛn Awurade Yesu Kristo so wɔ Nyankopɔn fam asomdwoeɛ;


Ɛnam sɛ paanoo no yɛ baako nti yɛn a yɛyɛ bebree no yɛ nipadua baako; na yɛn nyinaa di paanoo baako no bi.


Na deɛ ɔnnye nnie no pɛ sɛ ɔgyae kɔ a, ma no nkɔ, na wɔnhyɛ onua ko anaa onuabaa ko no so, sɛ akoa saa nsɛm yi mu. Na asomdwoeɛ mu na Onyankopɔn afrɛ yɛn.


Aane, mo nti na ne nyinaa yɛ, na adom no adɔɔso afa nnipa pii so ama aseda aboro so ama Onyankopɔn animuonyam.


Na moanya mo ho biribiara mu, ama ayamyɛ nyinaa a ɛnam yɛn so no ama Onyankopɔn anya aseda.


Ne mu na nipadua nyinaa ayɛ mua ɛsiane akwaa ahodoɔ a aka atoatoa mu asisi so pɛpɛɛpɛ na ebiara yɛ n’adwuma yie nti, na ɛma nipadua no nyini na ɛyɛne ne ho ɔdɔ mu.


Ɛfiri sɛ nipadua baako ne honhom baako na ɛwɔ hɔ, sɛdeɛ wɔafrɛ mo nso mo frɛ anidasoɔ baako mu no:


Enti monsua Onyankopɔn sɛ mma adɔfo,


monna Agya Nyankopɔn ase daa wɔ ade nyinaa ho, yɛn Awurade Yesu Kristo din mu,


na yɛada Agya a wama yɛafata ahotefoɔ apɛgyadeɛ no fafafoɔ wɔ hann mu no ase,


sɛ wɔn a wɔagye nhini, na wɔde wɔn asi ne soɔ, na wɔayɛ den gyidie mu, sɛdeɛ wɔkyerɛkyerɛɛ mo no, na wɔboro so, aseda mu.


Na biribiara a moyɛ no, kasa mu oo! nneyɛɛ mu oo! monyɛ ne nyinaa Awurade Yesu din mu mfa ne so nna Agya Nyankopɔn ase.


Monna ase ade nyinaa mu, na yei ne deɛ Onyankopɔn pɛ Kristo Yesu mu wɔ mo ho.


Na afei, deɛ ɛdi ne nyinaa kan no, metu fo sɛ wɔnyɛ nkotosrɛ, mpaebɔ, odima ne aseda mma nnipa nyinaa;


Ko gyidie ko pa no, sɔ daa nkwa a wɔbɔɔ din frɛɛ woɔ na wopaee mu kaa no yie adansefoɔ pii anim no mu.


Enti momma yɛmfa ne so mmɔ Nyankopɔn ayeyie afɔdeɛ daa, ɛne anofafa a ɛbɔ no abodin no.


kaa sɛ: Amen, nhyira ne animuonyam ne nyansa ne aseda ne anidie ne tumi ne ahoɔden yɛ yɛn Nyankopɔn dea daa daa. Amen.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios