Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Kolosefo 3:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Na yeinom nyinaa so na monhyɛ ɔdɔ a ɛka nnoɔma nyinaa bɔ mu ma ɛwie pɛyɛ no nguo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 Na yeinom nyinaa so na monhyɛ ɔdɔ a ɛka nnoɔma nyinaa bɔ mu ma ɛwie pɛyɛ no nguo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Eyi nyinaa akyi no, momfa ɔdɔ a ɛde koroyɛ ba no nka mo abrabɔ ho.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Yei nyinaa akyi no, momfa ɔdɔ a ɛde baakoyɛ ba no nka mo abrabɔ ho.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 Na eyinom nyinaa so na monhyɛ ɔdɔ a ɛne pɛyɛ hama no ngu.

Ver Capítulo Copiar




Kolosefo 3:14
18 Referencias Cruzadas  

Ahyɛdeɛ foforɔ na mema mo, sɛ monnodɔ mo ho sɛdeɛ medɔɔ mo no, sɛ mo nso monnodɔ mo ho mo ho!


Yei ne m’ahyɛdeɛ, sɛ monnodɔ mo ho sɛdeɛ medɔɔ mo no.


Mewɔ wɔn mu, na wowɔ me mu, na wɔawie pɛyɛ baakoyɛ mu, na wiase ahunu sɛ, wo na wosomaa me, na wodɔ wɔn sɛdeɛ wodɔ me no.


Monnne obiara ka gye sɛ ɔdɔ a mode dodɔ mo ho; na deɛ ɔdɔ ne yɔnko no awie mmara no so di.


sɛdeɛ ɔyii yɛn wɔ ɔdɔ mu, Kristo mu ansa na wɔrehyɛ wiase aseɛ, sɛ yɛnyɛ ahotefoɔ ne nnipa a wɔn ho nni asɛm n’anim.


mommɔ mmɔden mfa asomdwoeɛ homa nkura honhom baakoyɛ mu.


na monnante ɔdɔ mu, sɛdeɛ Kristo nso dɔɔ mo na ɔde ne ho maeɛ maa yɛn sɛ ayɛyɛdeɛ ne afɔrebɔdeɛ a wɔbɔ ma Onyankopɔn a ɛtu hwa a ɛyɛ dɛ no.


sɛ wɔnnya deɛ ɛka wɔn akoma to wɔn yam, ɛne sɛ wɔnyɛ baako ɔdɔ mu, nnya nteaseɛ a wɔasi so dua ahonya nyinaa, na wɔahunu Nyankopɔn ahuntasɛm a ɛne Kristo no mu.


Na onuadɔ ho deɛ, ɛnhia mo sɛ wɔtwerɛ brɛ mo, ɛfiri sɛ mo ara na Onyankopɔn akyerɛkyerɛ mo sɛ monnodɔ mo ho;


Na afotusɛm no botaeɛ ne ɔdɔ a ɛfiri akoma kronn ne ahonim pa ne gyidie a nkontompo nni mu mu.


Enti momma yɛmfa mfitiaseɛ nkyerɛkyerɛ a ɛfa Kristo ho no nto nkyɛn, na yɛmpere nkɔ deɛ ɛyɛ pɛ no mu, na yɛamfa nnwuma funu mu adwensakyera ne Nyankopɔn ho gyidie


Na ne titire no, momfa ɔdɔ a emu yɛ den nnodɔ mo ho, ɛfiri sɛ ɔdɔ kata bɔne pii so.


na onyamesom pa nka boasetɔ ho, na onuadɔ nka onyamesom pa ho, na ɔdɔ mapa nka onuadɔ ho.


Yei mu na Nyankopɔn mma ne ɔbonsam mma da adie. Obiara a ɔnyɛ deɛ ɛtene ne deɛ ɔnnɔ ne nua no mfiri Onyankopɔn.


Na yei ne n’ahyɛdeɛ, sɛ yɛnnye ne Ba Yesu Kristo din no nni, na yɛnnodɔ yɛn ho, sɛdeɛ ɔmaa yɛn ahyɛdeɛ no.


Na ahyɛdeɛ yi na yɛanya no ne nkyɛn sɛ, deɛ ɔdɔ Onyankopɔn no, ɔnnɔ ne nua nso.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios