Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Kolosefo 2:19 - New Revised Asante Twi Bible

19 nanso ɔnsɔ tire no a nipadua no nyinaa firi mu nam akwaa ne ntini biara so nya aduane na wɔtoatoa mu nyini wɔ nyini a ɛfiri Nyankopɔn mu no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

19 nanso ɔnsɔ tire no a nipadua no nyinaa firi mu nam akwaa ne ntini biara so nya aduane na wɔtoatoa mu nyini wɔ nyini a ɛfiri Nyankopɔn mu no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Saa nnipa yi nyɛ Kristo a ɔyɛ nipadua no nyinaa ti no de bio. Kristo na ɔma nipadua no ahoɔden na ɔka nipadua no akwaa nyinaa bɔ mu ma enyin sɛnea Onyankopɔn pɛ sɛ enyin no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Saa nnipa yi nyɛ Kristo a ɔyɛ onipadua no nyinaa Ti no dea bio. Kristo na ɔma onipadua no ahoɔden na ɔka onipadua no akwaa nyinaa bɔ mu, ma ɛnyini sɛdeɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɛnyini no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

19 Nanso onso ti no a nipadua no nyinaa fi mu nam akwaa ne ntini biara so nya aduan na wɔtoatoa mu nyin wɔ nyin a efi Onyankopɔn mu no.

Ver Capítulo Copiar




Kolosefo 2:19
33 Referencias Cruzadas  

Na ɛsɛ sɛ wɔde nsa foforɔ gu nkotokuo foforɔ mu.


sɛ wɔn nyinaa nyɛ baako, sɛdeɛ wo, Agya, wowɔ me mu, na mewɔ wo mu; sɛ wɔn nso nyɛ baako wɔ yɛn mu, na wiase nnye nni sɛ wo na wosomaa me.


Na wɔn mu bebree a wɔgye diiɛ no akoma ne wɔn kra yɛ baako, na wɔn mu biara nka sɛ ne nnoɔma a ɔwɔ yɛ ɔno ara dea, na ne nyinaa yɛ wɔn kwasafodeɛ.


Na sɛ dua mman no bi abubu, na wo a woyɛ wuram ngo dua no, wɔde wo afra ahyɛ mu, na woanya ngo dua no nhini ne emu nsuo no bi a,


Na anuanom, menam yɛn Awurade Yesu Kristo din so metu mo fo sɛ, mo nyinaa nyɛ anokorɔ, na mpaepaemu amma mo mu, na mmom moabɔ mu awie pɛyɛ adwene korɔ ne nsusuiɛ korɔ mu.


Na mepɛ sɛ mohunu sɛ ɔbarima biara tiri ne Kristo, na ɔbaa tiri ne ɔbarima, na Kristo tiri ne Onyankopɔn.


Me deɛ, meduae, Apolo guguu so nsuo, nanso Onyankopɔn na ɔmaa no nyiniiɛ.


Na ɔde ade nyinaa ahyɛ ne nan ase na ɔde no ayɛ nnoɔma nyinaa so tire ama asafo


a ɛne ne nipadua no, deɛ ɔhyɛ ade nyinaa ma wɔ nnoɔma nyinaa mu no mayɛ.


Ne mu na deɛ wɔasie no nyinaa akeka atoa mu, na ɛrepagya akɔyɛ asɔredan kronkron Awurade mu;


mommɔ mmɔden mfa asomdwoeɛ homa nkura honhom baakoyɛ mu.


Na obiara ntane ɔno ara ne honam, na mmom ɔyɛ no yie, na ɔsom no bo, sɛdeɛ Kristo nso yɛ asafo no.


Ɛnneɛ na momma mo abrabɔ mfata Kristo asɛmpa no nko ara, na sɛ meba na mebɛhu mo oo, sɛ menni hɔ oo, mate mo ho asɛm sɛ mogyina pintinn honhom korɔ mu, na mode adwene korɔ bɔ mu di apereɛ gyidie a ɛfiri asɛmpa no mu,


na moanante sɛdeɛ ɛfata Awurade na ɛsɔ n’ani koraa, na moaso adwuma pa nyinaa mu aba, na moanyini akɔ Nyankopɔn ho nimdeɛ mu.


Na ɔno ne nipadua a ɛyɛ asafo no tire; ɔno ne mfitiaseɛ, awufosɔreɛ mu farebae, sɛ ɔnyɛ ade nyinaa mu kannifoɔ.


sɛ wɔnnya deɛ ɛka wɔn akoma to wɔn yam, ɛne sɛ wɔnyɛ baako ɔdɔ mu, nnya nteaseɛ a wɔasi so dua ahonya nyinaa, na wɔahunu Nyankopɔn ahuntasɛm a ɛne Kristo no mu.


Na mo deɛ, Awurade mma monnɔɔso na mommoro so ɔdɔ a mode dodɔ mo ho mo ho ne nnipa nyinaa no mu, sɛdeɛ yɛn nso yɛdɔ mo no,


na moyɛ saa nso anuanom a wɔwɔ Makedonia nyinaa ho. Nanso, anuanom, yɛtu mo fo sɛ monkɔ so nyɛ mmoro so,


Anuanom, ɛsɛ yɛn sɛ yɛda Onyankopɔn ase daa sɛdeɛ ɛfata, mo nti, ɛfiri sɛ mo gyidie nyini boro so, na dɔ a mo nyinaa mode dodɔ mo ho mmaako mmaako no mu adɔ.


N’awieeɛ ne sɛ mo nyinaa nnya adwenkorɔ, monhunu mmema mo ho, monnodɔ mo ho sɛ anuanom, mo yam nhyehye mo mmema mo ho, monnwene ahobrɛaseɛ adwene.


Na monnyini yɛn Awurade ne Agyenkwa Yesu Kristo adom ne nimdeɛ mu. Ɔno na animuonyam nka no seesei ne daa. Amen.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios