Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Kolosefo 2:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 na wapepa ahyɛdeɛ no mu atwerɛ a ɛtia yɛn no, na ɔde akɔbɔ asɛnnua ho de ayi afiri kwan mu,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 na wapepa ahyɛdeɛ no mu atwerɛ a ɛtia yɛn no, na ɔde akɔbɔ asɛnnua ho de ayi afiri kwan mu,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Onyankopɔn pepaa yɛn mmarato; na ɔde ne nyinaa kɔɔ asennua so kɔbɔɔ no asennua mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Onyankopɔn pepaa yɛn mmarato; na ɔde ne nyinaa kɔɔ asɛnnua so kɔbɔɔ no asɛnnua mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 na wapopaa ahyɛde no mu nkyerɛwee a etia yɛn no, na ɔde akɔbɔ asɛnnua ho de ayi afi kwan mu,

Ver Capítulo Copiar




Kolosefo 2:14
21 Referencias Cruzadas  

na nkata wɔn amumuyɛ so, na wɔn bɔne nso, mma wɔmmpepa no w’anim, na wɔafu wo bo abantofoɔ no anim.


Ɛnna wɔfrɛfrɛɛ ɔhene no atwerɛfoɔ bosome a ɛdi kan, da ɛtɔ so dummiɛnsa soɔ, na wɔtwerɛɛ no sɛdeɛ Haman hyɛeɛ nyinaa de kɔmaa ɔhene no amradofoɔ ne amantam no mmaako mmaako so ahwɛfoɔ ne aman no nyinaa so mmapɔmma, asase biara sɛdeɛ ne ntwerɛeɛ teɛ, ne ɔman biara sɛdeɛ ne kasa teɛ. Wɔde Ɔhene Akas-weros din na ɛtwerɛeɛ, na wɔde ɔhene no pɛtea sɔɔ ano.


Na mo ara montwerɛ Yudafoɔ no ho sɛdeɛ mopɛ wɔ ɔhene din mu, na momfa ɔhene pɛtea nsɔ ano, ɛfiri sɛ atwerɛ a wɔatwerɛ no ɔhene din mu na wɔde ɔhene pɛtea asɔ ano no, wɔntumi nnane ani.


Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, sɛ w’adɔeɛ teɛ no, wo mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso nti pepa me mmarato.


Yi w’ani firi me bɔne ho hunta, na pepa m’amumuyɛ nyinaa.


Me, me ara, mene deɛ ɔpepa wo mmarato, me ara me nti, na wo bɔne nso, merenkaeɛ.


Mapepa wo mmarato sɛ mununkum, ne wo bɔne sɛ suwisie. Sane bra me nkyɛn, na magye wo.


Na wɔbɛka sɛ: Montu ngu so, montu ngu so, mommɔ kwan, monyi akwansideɛ mfiri me man kwan mu.


Na ɔsɔfoɔ no ntwerɛ nnome yi ngu nwoma so, na ɔnhohoro ngu nsu nwononwono no mu,


Na wɔn baanu nyinaa tene wɔ Nyankopɔn anim di Awurade ahyɛdeɛ ne teneneedeɛ nyinaa so a ɛho nni asɛm,


Enti monsakyera mo adwene, na monnane mo ho, na wɔapepa mo bɔne,


Enti sɛ mo ne Kristo anya awu afiri wiase honhom mu nsɛm nkyerɛkyerɛ ho a, adɛn nti na mode ahyɛdeɛ to mo ho soɔ sɛdeɛ moda so te wiase


Na mmarato ahuntasɛm no anya reyɛ adwuma, nanso gye sɛ wɔayi deɛ ɔda so si kwan no afiri ntam ansa.


Na wɔgu ahyɛdeɛ bi a ɛdi kan wɔ emu adeɛ a ɛyɛ mmerɛ na ɛho nni mfasoɔ nti,


Deɛ ɔka sɛ “foforɔ” yi no, ɔde ayɛ kane deɛ no dada, na deɛ ɛreyɛ dada na ɛretwa mu no, aka kakra na ayera.


Ɔno ara na ɔsoaa yɛn bɔne wɔ ne honam mu kɔɔ dua no soɔ, sɛ, sɛ yɛawu ama nnebɔne a, yɛntena ase mma tenenee. Ɔno na wɔde ne mmaa ntampeɛ asa mo yadeɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios