Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Kolosefo 1:26 - New Revised Asante Twi Bible

26 Aane, ahuntasɛm no a ɛfiri mmeresanten ne awoɔ ntoatoasoɔ so huntaeɛ no, afei wayi no adi akyerɛ n’ahotefoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

26 Aane, ahuntasɛm no a ɛfiri mmeresanten ne awoɔ ntoatoasoɔ so huntaeɛ no, afei wayi no adi akyerɛ n’ahotefoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

26 a ɛyɛ ahintasɛm a mfe bebree a atwam no, ɔde hintaw adesamma, nanso afei de, wada no adi akyerɛ nʼahotewfo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

26 a ɛyɛ ahintasɛm a mfeɛ bebree a atwam no, ɔde hintaa adasamma, nanso afei deɛ, wada no adi akyerɛ nʼahotefoɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

26 Yiw, ahintasɛm no a efi mmeresanten ne awo ntoatoaso no so hintawee no, afei wayi no adi akyerɛ ahotefo

Ver Capítulo Copiar




Kolosefo 1:26
11 Referencias Cruzadas  

AWURADE yi ne tirim asɛm kyerɛ wɔn a wɔsuro no, na ɔma wɔhunu n’apam no mu.


Na ɔbua see wɔn sɛ: Mo deɛ, wɔde ama mo sɛ monhunu ɔsoro ahennie mu ahuntasɛm no, na wɔn deɛ, wɔmfa mmaa wɔn.


Wɔka kyerɛɛ no sɛ: Obiara mmɔɔ yɛn paa. Ɔsee wɔn sɛ: Mo nso monkɔ bobe turo mu hɔ!


Na ɔsee wɔn sɛ: Mo deɛ, wɔde ama mo sɛ monhunu Nyankopɔn ahennie ho ahuntasɛm no; na wɔn a wɔwɔ akyire no deɛ, wɔkyerɛ wɔn ne nyinaa mmebuo mu;


Na ɔse: Mo deɛ, wɔde ama mo sɛ monhunu Nyankopɔn ahennie mu ahuntasɛm no; na wɔn a aka deɛ, wɔde ama wɔn mmebuo mu, na wɔahunu, na wɔanhunu mu, na wɔate, nanso wɔante aseɛ.


na mmom yɛka Nyankopɔn nyansa ahuntasɛm mu, nyansa a wɔde sieeɛ a Onyankopɔn de too hɔ maa yɛn animuonyam ansa na wɔrehyɛ wiase aseɛ.


sɛ wɔnnya deɛ ɛka wɔn akoma to wɔn yam, ɛne sɛ wɔnyɛ baako ɔdɔ mu, nnya nteaseɛ a wɔasi so dua ahonya nyinaa, na wɔahunu Nyankopɔn ahuntasɛm a ɛne Kristo no mu.


Na mommɔ mpaeɛ mma yɛn nso bi, na Onyankopɔn nhini asɛm no pono mma yɛn, na yɛaka Kristo ahuntasɛm a enti meda afiase yi,


na afei wɔnam yɛn Agyenkwa Kristo Yesu ahoyie so ayi no adie no ho. Ɔno na wayi owuo hɔ, na ɔnam asɛmpa no so ayi nkwa ne adeɛ a ɛmporɔ adi fann.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios