Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Kolosefo 1:17 - New Revised Asante Twi Bible

17 Na ɔno na ɔyɛ adeɛ nyinaa kannifoɔ, na nnoɔma nyinaa atim wɔ ne mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

17 Na ɔno na ɔyɛ adeɛ nyinaa kannifoɔ, na nnoɔma nyinaa atim wɔ ne mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

17 Na ɔwɔ hɔ ansa na wɔrebɔ biribiara, na ne mu na biribiara nya nʼafa pɛpɛɛpɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

17 Na ɔwɔ hɔ ansa na wɔrebɔ biribiara, na ne mu na biribiara nya nʼafa pɛpɛɛpɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

17 Na ɔno na ɔyɛ ade nyinaa kannifo, na nneɛma nyinaa atim wɔ no mu.

Ver Capítulo Copiar




Kolosefo 1:17
19 Referencias Cruzadas  

Asase ne wɔn a wɔte soɔ nyinaa mu hodwo a, me na mede mu afadum mesisi hɔ.


Sɛ AWURADE, Israel hene, ne ne Gyefoɔ, asafo AWURADE seɛ nie: Mene odikanfoɔ na mene okyidifoɔ, na Onyankopɔn biara nni hɔ gye me nko.


Na wo, Betlehem a ɛwɔ Efrata, wo a wosua sɛ wobɛfra Yuda mpem mpem mu, wo mu ara na obi bɛba ama me, na wabɛyɛ Israel sodifoɔ no; na n’ase firi tete nteredee, firi daa a ɛnni ase nna mu.


Na afei, Agya, fa animuonyam a mewɔ no wo nkyɛn ansa na wɔbɔɔ wiase no hyɛ me wo ara wo nkyɛn!


Yesu see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, Abraham nnya mmaeɛ no, na mewɔ hɔ.


Na ɔno mu na yɛte ase, na yɛkeka yɛn ho, na yɛwɔ hɔ, sɛdeɛ mo nnwontofoɔ binom nso aka sɛ: Ɛfiri sɛ n’abusua nso ne yɛn.


yɛn deɛ, Onyankopɔn baako pɛ na yɛwɔ, Agya no a nnoɔma nyinaa firi ne mu, na yɛn nso yɛwɔ hɔ ma no, ne Awurade baako, Yesu Kristo a wɔnam ne so yɛ nnoɔma nyinaa, na yɛn nso yɛnam ne so wɔ hɔ no.


Ɔno ara na ɔyɛ Onyankopɔn a wɔnhu no no nsɛso ne abɔdeɛ nyinaa farebae,


Ɔno ara a ɔyɛ n’animuonyam no haran ne ne su nsɛsoɔ, na ɔde ne tumi asɛm sɔ nnoɔma nyinaa mu no, ɔde ɔno ara ne ho dwiraa yɛn bɔne no, ɔkɔtenaa animuonyam kɛseɛ no nifa so ɔsorosoro,


Yesu Kristo te sɛdeɛ ɔteɛ nnora, ɛnnɛ, ɛne daapem nyinaa.


sɛ: Twerɛ deɛ wohunu hyɛ nwoma mu, na fa kɔma asafo ahodoɔ nson no, fa kɔ Efeso, Smirna, Pergamo, Tiatira, Sardi, Filadelfia ne Laodikea.


Na mehunuu no no, mehwee ne nan ase sɛ owufoɔ, na ɔde ne nsa nifa too me so ka kyerɛɛ me sɛ: Nsuro, mene ɔkannifoɔ ne okyidifoɔ,


Awurade se: Mene Alfa ne Omega no, deɛ ɔwɔ hɔ, na ɔwɔ hɔ dada na ɔreba, adeɛ nyinaa so tumfoɔ no.


Na Smirna asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na ɔkannifoɔ ne okyidifoɔ, deɛ ɔwuiɛ na ɔte ase bio no seɛ:


Ɔma mmɔborɔni so firi mfuturo mu, na ɔma ohiani so firi sumina so, sɛ ɔde no bɛtena mmapɔmma mu, na wama no anya animuonyam adwa so atena. Na asase nnyinasoɔ yɛ AWURADE dea, na ɔde wiase asi so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios