Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hosea 7:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Efraim de ne ho fra aman mu; Efraim yɛ ɔfam a wɔankusa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Efraim de ne ho fra aman mu; Efraim yɛ ɔfam a wɔankusa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 “Efraim ne aman no adi afra; Efraim yɛ ɔfam a anyinya a wonkisae.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 “Efraim ne aman no adi afra Efraim yɛ ɔfam a anyinya a wɔnkusaeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Efraim de ne ho fra aman mu; Efraim yɛ ɔfam a wɔankisa.

Ver Capítulo Copiar




Hosea 7:8
15 Referencias Cruzadas  

Ɛnna Elia twe pinii ɔman no nyinaa nkyɛn bɛkaa sɛ: Ɛnkɔsi da bɛn na mo adwene bɛyɛ mo ntanta? Sɛ AWURADE ne Onyankopɔn a, monni n’akyi: Sɛ Baal nso a, monni n’akyi! Na ɔman no ammua no asɛm biara.


Na wɔwiee yeinom no, mmapɔmma no baa me nkyɛn sɛ: Israel man ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ no ntee wɔn ho mfirii nsase so aman sɛ: Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Yebusifoɔ, Amonfoɔ, Moabfoɔ, Misraimfoɔ ne Amorifoɔ akyiwadeɛ ho,


Na afei mommfa mo mmammaa mmma wɔn mmammarima, na monnnye wɔn mmammaa mmma mo mmammarima, na monnhwehwɛ wɔn ɔmannwoeɛ ne wɔn yiedie ara da, deɛ ɛbɛyɛ na mo ho bɛyɛ den na moadi asase no so nnepa, na mode agya mo mma ma wɔadi so akɔsi daa.


na wɔfrafraa amanaman no mu, na wɔsuasuaa wɔn nneyɛɛ.


Na Efraim hunuu ne yadeɛ, na Yuda hunuu ne kuro; na Efraim sii mu kɔɔ Asiria, na ɔsoma maa wɔkɔɔ Ɔhene Yareb nkyɛn; na ɔno nso, ɔrentumi nsa mo yadeɛ, na ɔrentumi nkum mo ho akuro.


Wɔatwa AWURADE nkontompo, na wɔawowo ananafoɔ mma. Afei bosome foforɔ bɛmene wɔn ne wɔn nsase.


Ahɔhoɔ adi n’ahoɔden, nso ɔnnim; ɛdwono nso ahura ne tirim, nso ɔnnim.


Wɔrentena AWURADE asase so, na Efraim bɛsane akɔ Misraim, na wɔbɛdi deɛ ɛho nteɛ wɔ Asiria.


ne wɔn a wɔsɔre ewiem nnoɔma wɔ adan atifi, ne asɔrefoɔ a wɔkeka AWURADE ntam na wɔkeka Milkom ntam


Yuda atwa nkontompo na wɔayɛ akyiwadeɛ Israel ne Yerusalem mu. Na Yuda agu AWURADE kronkronbea a ɔdɔ no ho fi, na wakɔware onyame nanani babaa.


Obiara ntumi nsom awuranom baanu. Sɛ ɛba saa a, ɔbɛtane baako na wadɔ baako, anaasɛ ɔde ne ho bɛbata baako no, na wabu baako animtia. Morentumi nsom Onyankopɔn ne mamon.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios