Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hosea 5:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Me deɛ, menim Efraim, na Israel nso nhunta me; na afei, Efraim, woabɔ adwaman, na Israel ho agu fi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Me deɛ, menim Efraim, na Israel nso nhunta me; na afei, Efraim, woabɔ adwaman, na Israel ho agu fi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Minim Efraim ho nsɛm nyinaa; wɔmfaa Israel nhintaw me ɛ. Efraim, mprempren de wobɔ aguaman; na Israel aporɔw.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Menim Efraim ho nsɛm nyinaa; wɔmfaa Israel nhintaa me. Efraim, seesei deɛ wobɔ adwaman; na Israel aprɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Me de, minim Efraim, na Israel nso nhintaw me; na afei, Efraim, woabɔ aguaman, na Israel ho agu fi.

Ver Capítulo Copiar




Hosea 5:3
24 Referencias Cruzadas  

Na abarimaa no nnya nhunuu bɔne kyire ne papa fa no, asase a wosuro n’ahemfo baanu anim no bɛyɛ amamfo.


AWURADE de nna bi bɛba wo ne wo man, ne w’agya fie so, nna a ɛmmaa da firi berɛ a Efraim te firii Yuda ho no: Ɛne Asiriahene.


Ɛsiane sɛ Siria ne Efraim ne Remalia ba no apam wo tiri so apammɔne sɛ:


Mfitiaseɛ a AWURADE ne Hosea kasaeɛ no, AWURADE ka kyerɛɛ Hosea sɛ: Kɔ na kɔfa ɔbaa dwamamfoɔ ne adwamammɔ mma, na adwaman na asase no afiri AWURADE akyire rebɔ.


Efraim hwe mframa, na ɔdi apueeɛ ahum akyi; daa nyinaa wɔma atorɔ ne ɔsɛeɛ dɔɔso, na wɔne Asiria kɔ apam, na wɔsoa ngo kɔ Misraim.


Efraim rekasa a, ɛyɛ hu; ɔmaa ne ho so Israel mu, ɛnna Baal nti ɔdii so, na ɔwui.


Me na mehunuu wo ɛserɛ no soɔ, sukɔm asase no so.


Wɔhyɛ Efraim so, wɔapɛkyɛ no atemmuo mu, ɛfiri sɛ waboapa adi n’ahuhudeɛ akyi.


Na Efraim hunuu ne yadeɛ, na Yuda hunuu ne kuro; na Efraim sii mu kɔɔ Asiria, na ɔsoma maa wɔkɔɔ Ɔhene Yareb nkyɛn; na ɔno nso, ɔrentumi nsa mo yadeɛ, na ɔrentumi nkum mo ho akuro.


Efraim bɛdane amamfo, asotwe da no; mama wɔahunu Israel mmusuakuo ho asɛm a ɛbɛtim mu.


Mahunu ahodwirideɛ Israel fie, ɛhɔ na Efraim bɔ adwaman, Israel ho agu fi.


Ɛdeɛn na menyɛ woɔ, Efraim? Ɛdeɛn na menyɛ woɔ, Yuda? Na mo adɔeɛ te sɛ anɔpa mununkum, na ɛte sɛ obosuo a ɛrepɛ ntɛm akorɔ.


Na Efraim ama afɔrebukyia adɔɔso de ayɛ bɔne, afɔrebukyia no adane wɔn bɔneyɛ.


Mo nko ara na menim mo, asase so mmusua nyinaa mu, ɛno nso nti na mɛtua mo mo amumuyɛ nyinaa so ka.


Na menim sɛ mo mmarato dɔɔso na mo bɔne mu yɛ den. Mohiahia ɔteneneeni ho na mogyegye mpata, na mokyea ahiafoɔ asɛm kuro pono mu.


Ne nantwinini abakan, animuonyam wɔ no, na n’abɛn yɛ ɛkoɔ abɛn; ɛno na ɔde bɛsunsum aman nyinaa aguo akɔduru asase ano. Na wɔn ne Efraim apedu no, Manase mpempem ne no.


Na abɔdeɛ biara nni hɔ a ɛnna adie Nyankopɔn anim, na ade nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue, deɛ yɛne no wɔ asɛm no anim.


Menim wo nnwuma sɛ wonyɛ nwunu na wonyɛ hyeɛ. Sɛ woyɛ nwunu anaa woyɛ hye a, anka ɛyɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios