Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hosea 5:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Na me deɛ, mete sɛ ɛserɛ-mu-sɛe ma Efraim ne gyataburuwa ma Yuda fie; me, me na mɛtete mu makorɔ, mɛfa makɔ a ɔgyefoɔ biara nni hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 Na me deɛ, mete sɛ ɛserɛ-mu-sɛe ma Efraim ne gyataburuwa ma Yuda fie; me, me na mɛtete mu makorɔ, mɛfa makɔ a ɔgyefoɔ biara nni hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Enti mɛyɛ sɛ gyata ama Efraim na mayɛ sɛ gyata hoɔdenfo ama Yuda. Mɛtetew wɔn mu nketenkete, na makɔ; Mɛsoa wɔn akɔ, na obiara rentumi nnye wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Enti mɛyɛ sɛ gyata ama Efraim na mayɛ sɛ gyata hoɔdenfoɔ ama Yuda. Mɛtete wɔn mu nkete nkete, na makɔ; Mɛsoa wɔn akɔ, na obiara rentumi nnye wɔn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 Na me de, mɛyɛ sɛ gyata ama Efraim, ne gyataforo ama Yuda fi, m’ankasa na mɛtetew mu makɔ, mɛfa makɔ a ogyefo bi nni hɔ.

Ver Capítulo Copiar




Hosea 5:14
16 Referencias Cruzadas  

Na sɛ mema me ho so a, wobɛti me sɛ gyata na woasane ne me adi anwanwasɛm.


Nanso wonim sɛ menyɛ ɔbɔnefoɔ, na obi nni hɔ a ɔbɛgye wo nsam.


Mo a mo werɛ firi Onyankopɔn no, monnwene yei ho ɛ, na mantete mo asinasini a ɔgyefoɔ biara nni hɔ.


Na wɔansunsuane me kra sɛ gyata antete me mu a ɔgyefoɔ nni hɔ.


Wɔn mmobomu te sɛ gyata deɛ, na wɔbobom sɛ agyataburuwa, wɔpɔ so kyere wɔn hanam, wɔde kɔ a ɔgyefoɔ biara nni hɔ.


Wagya ne daberɛ sɛ gyataburuwa, na wɔn asase adane amamfo, n’afena namnam no ne n’abufuo hyehyeɛ no anim.


Ɔyɛ me sisire a ɔtɛ, ne tasuo mu gyata;


Ɛberɛ a wɔnyaa adidibea pa no, wɔmee, wɔmee na wɔn akoma maa ne ho so, enti wɔn werɛ firii me.


Na mɛsɛe ne bobe ne ne borɔdɔma a ɔkaa sɛ: Yeinom ne m’apɛdeɛ a m’adɔfoɔ de maa me no ne no; na mɛyɛ no kwaeɛ ama wiram mmoadoma adi.


Mommra mma yɛnsane nkɔ AWURADE nkyɛn, na ɔno na watete yɛn mu na ɔbɛsa yɛn yadeɛ, ɔno na wabobɔ yɛn na ɔbɛkyekyere yɛn.


Na dwane bɛbɔ ɔhoɔharefoɔ, na ɔhoɔdenfoɔ nso ahoɔden abɔ no, na dɔmmarima rennye ne ho nkwa.


Na Yakob nkaeɛ no bɛyɛ sɛ kwaeɛ mu mmoa mu gyata, amanaman mu, aman bebree mu, sɛ nnwan akuakuo mu gyataburuwa a ɔsene ba a ɔtiatia soɔ na ɔtete mu a ɔgyefoɔ biara nni hɔ.


Wɔbɛkum wo nantwie w’anim, na worenni bi; wɔbɛfa w’afunumu w’anim, na wɔrennane mma wo; wɔde wo nnwan bɛma w’atamfo, na worennya ɔgyefoɔ.


Afei monhunu sɛ me ara mene no, na onyame biara nka me ho. Me na mekum, na mema nkwa, mepira, na mesa, na deɛ ɔbɛtumi agye afiri me nsam nni hɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios