Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hosea 13:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Saa nti wɔbɛyɛ sɛ anɔpa mununkum ne obosuo a ɛtua nhema korɔ, sɛ ntɛtɛ a ahum hwim firi ayuporebea ne wisie a ɛtu fa mpomma mu korɔ no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Saa nti wɔbɛyɛ sɛ anɔpa mununkum ne obosuo a ɛtua nhema korɔ, sɛ ntɛtɛ a ahum hwim firi ayuporebea ne wisie a ɛtu fa mpomma mu korɔ no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ɛno nti, wɔbɛyɛ sɛ anɔpa omununkum sɛ anɔpa bosu a etu yera, sɛ ntɛtɛ a ehuw fi awiporowbea sɛ wusiw a ɛfa mfɛnsere mu kɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɛno enti, wɔbɛyɛ sɛ anɔpa omununkum sɛ anɔpa bosuo a ɛtu yera, sɛ ntɛtɛ a ehu firi ayuporobea sɛ wisie a ɛfa mpoma mu kɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Ne saa nti wɔbɛyɛ sɛ anɔpa mununkum ne obosu a etua ahema kɔ, sɛ ntɛtɛwa a ahum hwim fi awiporowbea ne owusiw a etu fa mfɛnsere mu kɔ no.

Ver Capítulo Copiar




Hosea 13:3
11 Referencias Cruzadas  

Wɔte sɛ nkyɛnkyɛmma, mframa ano, ne ntɛtɛ a ahum soa korɔ.


Ahuyideɛ adane hwɛ me so, wɔpamo me bakomadie sɛ mframa, na me yiedie asene kɔ sɛ mununkum.


Na abɔnefoɔ deɛ, wɔnte saa, na wɔte sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ guo.


Sɛ wisie tu korɔ no, sɛ bɔ wɔn guo ara ne no; sɛ akraa nane ogya ho no, sɛ abɔnefoɔ bɛsɛe Nyankopɔn anim ne no.


Aman a wɔyɛ hoo sɛ nsuo bebree hooyɛ, nanso ɔka wɔn anim ma wɔdwane kɔ akyirikyiri, na wɔti wɔn sɛ mmepɔ so ntɛtɛ, mframa anim, ne nkyinhyia mfuturo ahum anim.


ɛnna dadeɛ, dɔteɛ, kɔbere mfrafraeɛ, dwetɛ ne sika no bubuu muhumuhu prɛko pɛ, na ɛyɛɛ sɛ ahuhuberɛ mu ayuporebea so ntɛtɛ, na mframa sesa kɔe, na wɔanhunu wɔn baabiara bio. Na ɔboɔ a ɛbɔɔ ohoni no yɛɛ bepɔ kɛseɛ, na ɛyɛɛ asase nyinaa so ma.


Ɛdeɛn na menyɛ woɔ, Efraim? Ɛdeɛn na menyɛ woɔ, Yuda? Na mo adɔeɛ te sɛ anɔpa mununkum, na ɛte sɛ obosuo a ɛrepɛ ntɛm akorɔ.


Mommma ɔsɛeɛ da no mmma ansa, da no resene aba sɛ ntɛtɛ, mommma AWURADE abufuhyeɛ no mmma mo so ansa, aane, mommma AWURADE abufuo da no mmma mo so ansa.


Na deɛ wɔdua no asomdwoeɛ mu, obobe, bɛso n’aba, na asase ama ne nnɔbaeɛ, na ɔsoro bɛtɔ ne bosuo, na mɛma ɔman yi nkaeɛ afa yeinom nyinaa adi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios