Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hosea 12:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Na AWURADE nam odiyifoɔ so yii Israel firii Misraim bae, na ɔnam odiyifoɔ so hwɛɛ wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Na AWURADE nam odiyifoɔ so yii Israel firii Misraim bae, na ɔnam odiyifoɔ so hwɛɛ wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Awurade nam odiyifo so yii Israel fii Misraim, ɔnam odiyifo so hwɛɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Awurade nam odiyifoɔ so yii Israel firii Misraim, ɔnam odiyifoɔ so hwɛɛ no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Na AWURADE nam odiyifo so yii Israel fii Misraim bae, na ɔnam odiyifo so hwɛɛ wɔn

Ver Capítulo Copiar




Hosea 12:13
17 Referencias Cruzadas  

Sɔre kɔ Mesopotamia kɔ wo na n’agya Betuel fie, na kɔware wɔ wo na nua Laban mmammaa mu bi.


Na Rahel nti Yakob som mfeɛ nson, na dɔ a ɔdɔ no nti ɛyɛɛ n’ani so sɛ nna mfuamfua bi.


Wonam Mose ne Aaron nsa so bɛgyaa wo man sɛ nnwankuo.


Na Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monkae da yi a mofirii Misraim firii nkoa fie mu no, ɛfiri sɛ nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii mo firii hɔ, na monnni mmɔreka paanoo.


Ɛnna Nyankopɔn bɔfoɔ a ɔdi Israel dɔm anim no twee ne ho bɛdii wɔn akyire, na mununkum dum no firii wɔn anim bɛgyinaa wɔn akyi,


Israel yɛ aberanteɛ no, na medɔ no, na Misraim na mefrɛɛ me ba firiiɛ.


na mafiri hɔ mama no ne bobe nturo, na Akor bonhwa no, mayɛ no anidasoɔ pono, na ɔbɛgye so wɔ hɔ sɛ ne mmabaaberɛ mu ne ɛda a ɔfiri Misraim asase so foro baeɛ no.


Na meyii wo firii Misraim asase so bae, na megyee wo firii nkoafie, na mesomaa Mose, Aaron ne Miriam dii w’anim.


Ano ne ano na me ne no de kasa ehunu mu, na ɛnyɛ mmebuo mu, na ɔhunu AWURADE suban. Na adɛn nti na moansuro sɛ mobɛkasa atia m’akoa Mose?


Na gye so ka no AWURADE wo Nyankopɔn anim sɛ: Na m’agya yɛ Aramni a anka ɔkyinkyini, na ɔde nnipa kakraa bi na ɛsiane kɔɔ Misraim kɔyɛɛ hɔ hɔhoɔ, na ɔyɛɛ ɔman kɛseɛ a wɔyɛ den na wɔdɔreeɛ wɔ hɔ;


Ɛberɛ a Yakob kɔɔ Misraim na Misraimfoɔ hyɛɛ wɔn soɔ no, mo agyanom su frɛɛ AWURADE, na AWURADE somaa Mose ne Aaron na wɔyii mo agyanom firii Misraim maa wɔbɛtenaa ha yi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios