Hosea 10:8 - New Revised Asante Twi Bible8 Na wɔbɛsɛe Bet-awen sorɔnsorɔmmea a ɛne Israel bɔne no; nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse bɛfifiri wɔn afɔrebukyia so, na wɔbɛka akyerɛ mmepɔ sɛ: Mommɛkata yɛn so! ne nkokoɔ sɛ: Mommɛhwe yɛn so! Ver CapítuloTwerɛ Kronkron8 Na wɔbɛsɛe Bet-awen sorɔnsorɔmmea a ɛne Israel bɔne no; nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse bɛfifiri wɔn afɔrebukyia so, na wɔbɛka akyerɛ mmepɔ sɛ: Mommɛkata yɛn so! ne nkokoɔ sɛ: Mommɛhwe yɛn so! Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm8 Wɔbɛsɛe abosonnan a wodi awurukasɛm ne bɔne wɔ mu no. Nsɔe ne nnɛnkyɛnse befifi hɔ, na akata wɔn afɔremuka so. Afei wɔbɛka akyerɛ mmepɔw se, “Mommɛkata yɛn so!” na wase nkoko se, “Munnwiriw ngu yɛn so!” Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm8 Wɔbɛsɛe abosonnan a wɔdi awurukasɛm ne bɔne wɔ mu no. Nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse bɛfifiri hɔ, na akata wɔn afɔrebukyia so. Afei wɔbɛka akyerɛ mmepɔ sɛ, “Mommɛkata yɛn so!” na wase nkokoɔ sɛ, “Monnwiri ngu yɛn so!” Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON8 Na wɔbɛsɛe Bet-awen sorɔnsorɔmmea a ɛne Israel bɔne no; nsɔe ne nnɛnkyɛnse befifi wɔn afɔremuka so, na wɔbɛka akyerɛ mmepɔw sɛ: Mommɛkata yɛn so! Ne nkoko sɛ: Mommɛhwe yɛn so! Ver Capítulo |
Na wɔwiee yei nyinaa no, Israelfoɔ a wɔhunuu wɔn hɔ no nyinaa firii adi kɔɔ Yuda nkuro mu, na wɔkɔbubuu fadum, na wɔtwitwaa Asera nnua, na wɔdwirii sorɔnsorɔmmea ne afɔrebukyia no Yuda ne Benyamin nyinaa, ne deɛ ɛwɔ Efraim ne Manase no nso de kɔsii sɛ wɔwieeɛ. Ɛnna Israelfoɔ no nyinaa sane kɔɔ wɔn nkuro ne nkuraase.