Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hiob 8:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 W’atamfo bɛfira aniwuo, na abɔnefoɔ ntomadan rennyina hɔ bio.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

22 W’atamfo bɛfira aniwuo, na abɔnefoɔ ntomadan rennyina hɔ bio.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Wɔde aniwu befura wɔn a wɔtan wo, na amumɔyɛfo ntamadan bɛsɛe.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Wɔde aniwuo bɛfira wɔn a wɔtan woɔ, na amumuyɛfoɔ ntomadan bɛsɛe.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

22 W’atamfo befura aniwu, na abɔnefo ntamadan rennyina hɔ bio.

Ver Capítulo Copiar




Hiob 8:22
17 Referencias Cruzadas  

na abɔnefoɔ fekuo bɛyɛ abonini, na ogya bɛhye adanmudegyeɛ ntomadan.


Wɔbɛtu n’anidasoɔ afiri ne ntomadan mu, na wɔde no akɔ ahudeɛ mu hene no nkyɛn.


sɛ moka sɛ: Ɛhe na bakoma no fie wɔ? Na ɛhe na ntomadan a abɔnefoɔ tenaa mu no wɔ?


Ɔmma ɔbɔnefoɔ nnya nkwa, na ɔde amanehunufoɔ bem ma wɔn.


Sɛ wɔtete wɔn ho ntomadan homa a, ɛnyɛ wuo na wɔwuo a wɔanhunu nyansa biara?


Na adɛn na womfa me mmarato nkyɛ, na womma me mfomsoɔ nsene nkorɔ? Na afei mɛda mfuturo mu, na wobɛhwehwɛ me, nso na menni hɔ bio.


Ɔtwere ne dan, na ɛrennyina, ɔkura mu, nso ɛrentena hɔ.


Sɛ wɔsɛe no firi ne tenabea a, ɛpa no ka sɛ: Menhunuu wo da.


Na Hiob gyee so sɛ:


Me ho asɛmpɛfoɔ bɛhyɛ aniwuo, na wɔafira wɔn ahohora sɛ ntoma.


Mɛhyɛ n’atamfo aniwuo, na ɔno deɛ, n’ahenkyɛ bɛhyerɛn n’atifi.


Wɔn a wɔn ani gye m’amanehunu ho nyinaa, ma wɔn ani nwu na wɔn anim ngu ase. Wɔn a wɔdi me so akokurokosɛm no, ma aniwuo ne ahohora nsi wɔn aduradeɛ!


Abɔnefoɔ fie bɛbutu, na teefoɔ ntomadan bɛfefɛ.


Na ɛpo so aberempɔn nyinaa refiri wɔn adwa so asianesiane, na wɔayiyi wɔn ngusoɔ, na wɔaworɔworɔ wɔn nkyeremu atadeɛ, na wɔafira ahopopoɔ atenatena fam, na wɔn ho apopo berɛ nyinaa mu, na wo nti wɔn ho adwiri wɔn.


Ɔhene di abooboo, na ɔberempɔn fira ahodwirie, na asase no so aman aba mu abu. Wɔn akwan ho adeɛ na mɛyɛ wɔn, na wɔn atemmudeɛ na mede bɛbu wɔn atɛn, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.


Mama no afiri adi, asafo AWURADE asɛm nie, na abɛhyɛne owifoɔ fie ne deɛ ɔde me din keka ntanhunu fie, na asoɛ ne fie mfimfini, na ahye ɛno ne emu nnua ne emu aboɔ.


Saa ara na mo mmabunu nso, momfa mo ho nhyɛ mpanimfoɔ aseɛ. Na mo nyinaa momfira ahobrɛaseɛ, na monsom mo ho mo ho, ɛfiri sɛ Onyankopɔn si ahantanfoɔ kwan, na ɔdom ahobrɛasefoɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios