Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hiob 6:23 - New Revised Asante Twi Bible

23 na monyi me ɔhohiahiafoɔ nsam, na monnye me mfiri nhyɛsofoɔ nsam anaa?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

23 na monyi me ɔhohiahiafoɔ nsam, na monnye me mfiri nhyɛsofoɔ nsam anaa?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 sɛ munnye me mfi mʼatamfo nsam, ne atirimɔdenfo nkyehama mu ana?’

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 anaasɛ monnye me mfiri mʼatamfoɔ nsam, ne atirimuɔdenfoɔ nkyehoma mu anaa?’

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

23 na munyi me ɔhohiafo nsam, na munnye me mfi nhyɛsofo nsam anaa?

Ver Capítulo Copiar




Hiob 6:23
9 Referencias Cruzadas  

na mesee wɔn sɛ: Yɛn deɛ, yɛagye yɛn nuanom Yudafoɔ a wɔtontɔnee wɔn maa amanaman no, sɛdeɛ ɛwɔ yɛn nsam no, na mo nso, mobɛtontɔn mo nuanom, na wɔntontɔn wɔn ho mma yɛn anaa? Na wɔyeyɛɛ komm, na na wɔnhunu asɛm a wɔde bɛbua.


Ɛkɔm berɛ ɔbɛgye wo afiri owuo mu, na akodie mu nso wagye wo afiri afena ano.


Maka sɛ mommrɛ me biribi, na me nti momfa mo adeɛ bi nkyɛ,


Monkyerɛkyerɛ me, na mɛyɛ komm, na deɛ mafom wɔ mu no, momma menhunu.


Ma wɔn a AWURADE agye wɔn nka saa, wɔn a wagye wɔn afiri ɔhohiahiafoɔ nsam,


Na me kra deɛ, Onyankopɔn bɛgye no Asamando nsam, na ɔbɛgye me.


Na mɛyi wo afiri abɔnefoɔ nsam, na magye wo afiri atirimuɔdenfoɔ nsam.


ɛnneɛ, ne tɔn akyiri no, wɔmma ne gyeɛ ho kwan; ne nuanom mu baako nnye no,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios