Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hiob 5:19 - New Revised Asante Twi Bible

19 Ɔbɛyi wo afiri ahohiahia nsia mu, aane, na deɛ ɛtɔ so nson no mu, bɔne renka wo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

19 Ɔbɛyi wo afiri ahohiahia nsia mu, aane, na deɛ ɛtɔ so nson no mu, bɔne renka wo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Obegye wo afi ɔhaw ahorow asia mu; ason so no, bɔne biara renka wo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Ɔbɛgye wo afiri ɔhaw ahodoɔ nsia mu; nson so, a bɔne biara renka wo.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

19 Obeyi wo afi ahohia asia mu, na nea ɛto so ason no mu, bɔne renka wo.

Ver Capítulo Copiar




Hiob 5:19
16 Referencias Cruzadas  

Ɔteneneeni amaneɛ dɔɔso, na AWURADE gye no ne nyinaa mu.


Ɔhwɛ ne nnompe nyinaa, sɛdeɛ emu baako mpo mmu.


Woama ɔdasani anante yɛn tiri so, yɛafa ogya ne nsuo mu, nanso woayi yɛn aba deɛ nnepa abu soɔ hɔ.


Ɔsu frɛ me, na mɛgye no so, me ne no bɛtena ahohia mu, mɛyi no na mahyɛ no animuonyam.


Na mprɛnson na ɔteneneeni hwe ase na ɔsɔreɛ, na abɔnefoɔ deɛ, amanehunu hwe wɔn ase.


Adeɛ nsia yi na AWURADE tane, aane, na adeɛ nson na ɛyɛ ne kra akyiwadeɛ,


Sɛ woretwa nsuo a, me ne wo na ɛwɔ hɔ, na sɛ worefa nsubɔntene mu a, ɛremfa wo nkɔ. Sɛ wonam ogya mu a, ɛrenhye wo, na ogyaframa renhye wo.


Nanso ɛda no, mɛyi wo, AWURADE asɛm nie, na wɔremfa wo nhyɛ mmarima a wosuro wɔn no nsa.


Hwɛ, yɛn Nyankopɔn a yɛsom no no bɛtumi ayi yɛn afiri ogya a ɛrefranam fononoo no mu, na ɔbɛgye yɛn afiri wo, ɔhene, nsam.


Ɔkaa sɛ: Hwɛ, mehunu mmarima baanan a wɔasane wɔn sɛ wɔnenam ogya no mu, na wɔn ho ntɔɔ kyema, na deɛ ɔtɔ so nnan no tebea te sɛ anyame ba bi.


Ɛnna ɔhene ka maa wɔkɔfaa Daniel baeɛ, na wɔtoo no twenee agyata amena no mu. Nso ɔhene ka kyerɛɛ Daniel sɛ: Wo Nyankopɔn a wosom no daa daa no, ɔno na ɔnnye woɔ.


Na wɔde ɔboɔ bi ba bɛtoo amena no ano, na ɔhene de ne pɛtea, ne n’aberempɔn mpɛtea sɔɔ ano, na wɔansakyera Daniel ho adeɛ biara.


Sɔhwɛ biara ntoo mo, gye deɛ ɛyɛ nipa deɛ; na Onyankopɔn yɛ nokwafoɔ a ɔremma wɔnsɔ mo nhwɛ mmoro deɛ mobɛtumi soɔ, na mmom ɔbɛma kwan a mode bɛfiri sɔhwɛ no mu abɛda ho, na moatumi agyina.


Na, anuanom, yɛmpɛ sɛ yɛde ahohia a ɛbaa yɛn so Asia no sie mo, sɛ ɛhyɛɛ yɛn so boroo yɛn tumi so, maa afei yɛn kɔn dɔɔ wuo.


Awurade nim sɛdeɛ ɔbɛyi wɔn a wɔde fɛreɛ som no afiri sɔhwɛ mu, na wama wɔatwe wɔn a wɔntene aso de wɔn asie atemmuo da,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios