Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hiob 5:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Ɔkyere anyansafoɔ wɔn aniteɛ mu, na ɔbutu akontonkyifoɔ agyina.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Ɔkyere anyansafoɔ wɔn aniteɛ mu, na ɔbutu akontonkyifoɔ agyina.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Ɔkyere anyansafo wɔ wɔn anifere mu, na ɔbɔ anitewfo nhyehyɛe gu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Ɔkyere anyansafoɔ wɔ wɔn anifire mu, na ɔbɔ anitefoɔ nhyehyɛeɛ gu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Ɔkyere anyansafo wɔn anifere mu, na obutuw akɔntɔnkyefo agyina.

Ver Capítulo Copiar




Hiob 5:13
25 Referencias Cruzadas  

Na obi ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Ahitofel fra wɔn a wɔne Absalom apam no mu. Na Dawid bɔɔ mpaeɛ sɛ: AWURADE, mesrɛ wo, ma Ahitofel agyinatuo nnane nkwaseasɛm.


Na sɛ wosane kɔ kuro no mu kɔka kyerɛ Absalom sɛ: Ɔhene, mɛyɛ w’akoa sɛdeɛ akane no meyɛɛ w’agya akoa no, na afei deɛ, mɛyɛ w’akoa, a, wobɛma Ahitofel agyinatuo no ayɛ ɔkwa ama me.


Na Ahitofel hunuu sɛ wɔanni n’afotuo soɔ no, ɔhyehyɛɛ n’afunumu, na ɔsɔre kɔɔ ne fie, wɔ ne kurom. Na ɔtotoo ne fie wieeɛ no, ɔkɔsɛnee ne mene wuiɛ, na wɔsiee no n’agya da mu.


Na wɔsɛnee Haman dua a wasiesie ama Mordekai no so. Na ɔhene abufuo ano dwoe.


na Ester baa ɔhene anim no, ɔkaa no nwoma no mu, sɛ Haman adwemmɔne a ɔdwenee no Yudafoɔ ho no nsane mmɛbua n’atifi, na wɔnsɛne no ne ne mma dua no so.


Na w’ano nsɛm kyerɛ wo bɔne, na woafa aniteɛ tɛkyerɛma.


Enti nnipa suro no, ɔmmu akoma mu nyansafoɔ biara.


Deɛ ɔte ne ho na wobɛte wo ho akyerɛ no, na ɔkontonkyini deɛ, wokyinkyim wo ho kyerɛ no.


Abɔnefoɔ bɛsane akɔ Asamando, amanaman a wɔn werɛ afiri Onyankopɔn nyinaa.


Na ɔkɔnkɔnsani yɛ AWURADE akyiwadeɛ, na teefoɔ na ɔne wɔn ka atirimusɛm.


Na Misraimfoɔ honhom bɛsa wɔ wɔn mu, na wɔn agyinatuo nso, mahwete, na wɔakɔ akɔbisa abosonhuhuo ne nkaberɛkyerefoɔ ne asamanfrɛfoɔ ne adunsinfoɔ hɔ.


deɛ ɔma adebisafoɔ nsɛnkyerɛnneɛ yɛ ɔkwa, na ɔma nkɔmhyɛfoɔ yɛ nkwaseafoɔ; deɛ ɔma anyansafoɔ sane akyire, na ɔdane wɔn nimdeɛ nkwaseasɛm;


Na wɔkaa sɛ: Mommra mma yɛnkɔpam Yeremia tiri so, na mmara renyera mfiri ɔsɔfoɔ hɔ, na afotuo rempa onyansafoɔ anomu, na asɛm remmɔ odiyifoɔ. Mommra mma yɛmfa tɛkyerɛma nkum no, na mommma yɛnnyɛ aso nntie ne nsɛm no biara.


Edom deɛ nie: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Nyansa biara nni Teman bio? Afotuo abɔ nhunumufoɔ? Wɔahwie wɔn nyansa agu anaa?


Nanso na moka sɛ: Yɛyɛ anyansafoɔ, AWURADE mmara wɔ yɛn hɔ? Ampa, hwɛ, atwerɛfoɔ pɛnsere torofoɔ ama no adane atorɔ.


Anyansafoɔ ani bɛwu, wɔbɛbɔ binim na wɔakye wɔn. Hwɛ, AWURADE asɛm na wɔapoɔ yi, na nyansa bɛn na wɔwɔ?


Ka sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Nnipa afunu bɛgugu hɔ sɛ mfuo so nwira dodoɔ, sɛ ayutwafoɔ akyiri afiafi, na obiara remmoa ano.


Na afunumu no hunuu AWURADE bɔfoɔ no no, ɔde ne ho miaa ɔfasuo no, na ɔkaa Bileam nan miaa ɔfasuo no ho; na ɔkɔɔ so hwee no ara.


Ɔde ne basa ayɛ ahoɔdenneɛ; wapansam wɔn a wɔyɛ ahantan wɔn akoma nsusuiɛ mu.


Na wiase nyansa yɛ nkwaseasɛm wɔ Nyankopɔn anim; ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: Ɔkyere anyansafoɔ wɔn aniteɛ mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios