Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hiob 42:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na AWURADE hyiraa Hiob awieeɛ senee ne mfitiaseɛ, na ɔnyaa nnwan mpemdunan ne yoma mpemnsia ne anantwie mpamho apem ne mfunumu abereɛ apem.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Na AWURADE hyiraa Hiob awieeɛ senee ne mfitiaseɛ, na ɔnyaa nnwan mpemdunan ne yoma mpemnsia ne anantwie mpamho apem ne mfunumu abereɛ apem.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Awurade hyiraa Hiob nkwa awiei sen ne mfiase. Onyaa nguan mpem dunan, yoma mpem asia, anantwinini mpamho apem ne mfurum abere apem.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Awurade hyiraa Hiob nkwa awieeɛ senee ne ahyɛaseɛ. Ɔnyaa nnwan ɔpedunan, nyoma mpem nsia, anantwinini mpamho apem ne mfunumu abereɛ apem.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Na AWURADE hyiraa Hiob awiei sen ne mfiase, na onyaa nguan ɔpeduanan ne yoma mpemnsia ne anantwi mpamho apem ne mfurum abere apem.

Ver Capítulo Copiar




Hiob 42:12
15 Referencias Cruzadas  

Na AWURADE ahyira me wura pii na wayɛ ɔkɛseɛ. Na wama no nnwan ne anantwie, dwetɛ ne sika kɔkɔɔ, nkoa ne mfenaa, ne yoma ne mfunumu.


mmirekyibereɛ ahanu, mpapo aduonu, nnwammereɛ ahanu, adwennini aduonu,


Ɛnyɛ wo na woabɔ ɔno ne ne fie ne ade a ɔwɔ nyinaa ho ban ahyia? Ne nsa ano adwuma woahyira so, na n’afieboa ase akyene asase so.


Na ɔwoo mmammarima baason ne mmammaa baasa.


Na ɔwɔ nnwan mpem nson ne yoma mpensa ne anantwie mpamho ahanum ne mfunumu bereɛ ahanum ne asomfoɔ bebree pa; na ɔbarima yi yɛ titire wɔ apueeɛ mma no nyinaa mu.


Na sɛ mpo wo mfitiaseɛ yɛ ketewa a, w’awieeɛ bɛso kokuroo.


Na ɔhyiraa wɔn maa wɔn ase kyenee bebree, na wamma wɔn afieboa so anhwan.


AWURADE nhyira na ɛyɛ ɔdefoɔ, na ɔmfa awerɛhoɔ nka ho.


Asɛm awieeɛ yɛ sene ne mfitiaseɛ, ntoboaseɛ honhom yɛ sene ahomasoɔ honhom.


Na mɛma nnipa ne afieboa adɔɔso mo so, na wɔadɔre awowo bebree, na mama wɔatena mo so sɛ akane berɛ no, na mayɛ mo yie asene mo mfitiaseɛ, na moahunu sɛ mene AWURADE.


ɔde mana a wo nananom nnim maa wodii wɔ ɛserɛ so, sɛ ɔrebrɛ wo aseɛ na wasɔ wo ahwɛ, na awieeɛ no, wayɛ wo yie,


Adefoɔ a wɔwɔ wiase, kasa kyerɛ wɔn sɛ wɔnnnwene akokurokosɛm, anaasɛ wɔmmfa wɔn ani nnto ahonyadeɛ a ɛnni hɔ daa so, na wɔmfa wɔn ani nto Onyankopɔn a ɔma yɛn nnoɔma nyinaa ma no dɔɔso sɛ yɛnnie no so,


Hwɛ, yɛbu wɔn a wɔhunuu amane, too wɔn bo ase wɔ mu no ahotɔfoɔ. Moate Hiob amanehunu mu boasetɔ no, na moahunu sɛdeɛ Awurade maa no wiee no, sɛdeɛ Awurade ayamyɛ dɔɔso, na ɔyɛ timmɔborɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios