Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hiob 41:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Hwan na wadi kan ama me biribie, na menhyɛ no ananmu? Deɛ ɛwɔ ɔsoro nyinaa aseɛ, me na ɛwɔ me.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Hwan na wadi kan ama me biribie, na menhyɛ no ananmu? Deɛ ɛwɔ ɔsoro nyinaa aseɛ, me na ɛwɔ me.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Hena na mede no ka a ɛsɛ sɛ mitua? Biribiara a ɛhyɛ ɔsoro ase no yɛ me de.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Hwan na mede no ka a ɛsɛ sɛ metua? Biribiara a ɛhyɛ ɔsoro ase wɔ me.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Hena na wadi kan ama me biribi na menhyɛ no ananmu? Nea ɛwɔ ɔsoro nyinaa ase, me na ɛwɔ me.

Ver Capítulo Copiar




Hiob 41:11
18 Referencias Cruzadas  

Asamando da adagya n’anim, na nkatasoɔ biara nni hɔ mma Ɔsɛeɛ Amena.


na ɔno na ɔhwɛ asase awieeɛ, ɔsoro ase nyinaa nso, ɔhunu.


Na worepo ne nneyɛɛ yi, ɔnhyɛ wo ananmu sɛdeɛ wopɛ anaa? Enti wo na ɛsɛ sɛ woyi, na ɛnyɛ me, na deɛ wonim no, ka ɛ!


Sɛ wotene a, ɛdeɛn na wode ma no, anaasɛ wo nsam ɛdeɛn na ɔgyeɛ?


Merennyae ne honam adeɛ, ne ne mmaninyɛ ne n’aboaban fɛ a ɛyɛ no ho asɛnka.


Ɔtutu mmepɔ mpatuo mu, ɔbutu no n’abufuo mu.


Ɔsoro yɛ AWURADE soro, na asase deɛ, ɔde ama nnipa mma.


Na wode papa mu nhyira hyia no, wode sika amapa abotire bɔ ne ti.


Asase ne n’adeɛ dodoɔ yɛ AWURADE dea, wiase ne wɔn a wɔte mu no wɔ no.


Sɛ ɛkɔm de me a, anka merense wo, na wiase ne ne mayɛ wɔ me.


Na afei sɛ mobɛtie me nne na moadi m’apam so a, ɛnneɛ, mobɛyɛ m’agyapadeɛ a ɛsom boɔ afiri aman nyinaa mu, na me na asase nyinaa wɔ me.


Anaasɛ hwan na ɔmaa no biribi kane, na watua no so ka?


Na asase ne deɛ ahyɛ so ma nyinaa yɛ Awurade dea.


Na sɛ obi se mo sɛ: Yei yɛ ɔbosom afɔdeɛ a, deɛ ɔkyerɛeɛ no ne ahonim nti, monnni.


Hwɛ, ɔsoro ne ɔsoro mu soro yɛ AWURADE wo Nyankopɔn dea, asase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa.


Hwɛ, asase nyinaa wura apam adaka no redi w’anim akɔ Yordan mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios