Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hiob 41:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Obi rensi ne bo sɛ ɔbɛhwanyan no, na hwan ne deɛ ɔbɛtumi agyina n’anim?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Obi rensi ne bo sɛ ɔbɛhwanyan no, na hwan ne deɛ ɔbɛtumi agyina n’anim?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Obiara ntumi nsi ne bo nhwanyan no. Afei hena na obetumi ne me adi asi?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Obiara ntumi nsi ne bo nhwanyane no. Afei hwan na ɔbɛtumi ne me adi asie?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Obi rensi ne bo sɛ ɔbɛhwanyan no, na hena ne nea obetumi agyina n’anim?

Ver Capítulo Copiar




Hiob 41:10
13 Referencias Cruzadas  

Gyata ba ne Yuda; hanam so na wode anyini, me ba. Ɔkotoe, ɔbutuu sɛ gyata ne gyatabereɛ; hwan na ɔbɛhwanyan no?


Ma wɔn a wɔdome da no mmɔ no dua, wɔn a wɔtumi hwanyan dɛnkyɛmmirampɔn mpo no.


N’ahemadakye nsoromma bɛduru sum, ɛbɛtwɛn hann, na ebi remma, na ɛrenhunu adekyeeɛ anisuatɛtɛ.


Wowɔ nsa sɛ Nyankopɔn deɛ, na wobɛtumi de nne a ɛte sɛ ne deɛ abom?


Hwɛ onipa anidasoɔ yɛ ohunu. Ɛnyɛ ne hwɛ mpo na ɛma obi hwe aseɛ?


Akoma mu nyansafoɔ ne tumi mu hoɔdenfoɔ no, hwan na wasene ne kɔn wɔ ne soɔ na asi no yie?


Sɛ wo ne anammɔnfoɔ mpo tu mmirika na wɔma wobrɛ a, ɛnneɛ ɛbɛyɛ dɛn na wo ne apɔnkɔ bɛsi ammirikakane? Na sɛ asase a ɛso da hɔ no so mpo, wohwe ase a, ɛnneɛ wobɛyɛ dɛn Yordan kwaeɛ no mu?


Hwɛ, ɔforo sɛ gyata firi Yordan kwaeɛ no mu reba tenabea a ɛwɔ hɔ daa no so, na mɛma wɔde adwane afiri hɔ amonom; na deɛ wɔayi no no, ɔno na mede no bɛsi soɔ. Na hwan na ɔte sɛ me? Na hwan na ɔbɛhyia me? Na hwan ne odwanhwɛfoɔ a ɔbɛtumi agyina m’anim?


Hwɛ, ɔforo sɛ gyata a ɔfiri Yordan kwaeɛ no mu reba tenabea a ɛwɔ hɔ daa no so, na mɛma wɔadwane afiri hɔ amonom, na deɛ mɛyi no no, ɔno na mede no bɛsi soɔ. Na hwan na ɔte sɛ me? Na hwan na ɔbɛhyia me? Na hwan ne odwanhwɛfoɔ a ɔbɛtumi agyina m’anim?


Ɔkoto, ɔbutu sɛ gyata ne gyatabereɛ, hwan na ɔbɛma no asɔreɛ? Nhyira ne wɔn a wɔhyira woɔ, na nnome ne wɔn a wɔdome woɔ.


Anaasɛ yɛrehyɛ Awurade ama no atwe ninkunu anaa? Yɛn ho yɛ den kyɛne no anaa?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios