Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hiob 40:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Wobɛdane m’atemmuo no ani? Wobɛbu me fɔ na woadi bem?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Wobɛdane m’atemmuo no ani? Wobɛbu me fɔ na woadi bem?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 “Wobɛka mʼatemmu ho asɛm bɔne ana? Wubebu me fɔ de abu wo ho bem ana?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 “Wobɛka mʼatemmuo ho asɛm bɔne anaa? Wobɛbu me fɔ de abu wo ho bem?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 So wobɛdan m’atemmu ani, so wubebu me fɔ na woadi bem?

Ver Capítulo Copiar




Hiob 40:8
20 Referencias Cruzadas  

Ɛyɛ ma wo sɛ wohyɛ obi soɔ anaa, sɛ wopo wo nsa ano adwuma na wopene abɔnefoɔ agyina soɔ?


Nanso wonim sɛ menyɛ ɔbɔnefoɔ, na obi nni hɔ a ɔbɛgye wo nsam.


Hwɛ, masiesie m’asɛm mato hɔ, menim sɛ me na mɛdi bem.


Onyankopɔn ayi me ahyɛ abusufoɔ nsa, na wasum me ato abɔnefoɔ nsam.


ɛnneɛ monhunu sɛ Onyankopɔn na wakyea me kwan ama me, na ɔde n’asau atwa me ho ahyia.


Ɛnna mmarima baasa yi gyaee Hiob bua, ɛfiri sɛ ɔyɛ n’ani so teneneeni.


Na Busini Elihu a ɔyɛ Barakel ba a ɔfiri Ram abusua mu bo fui. Hiob na ne bo fuu no, ɛfiri sɛ ɔbu ne ho teneneeni sene Onyankopɔn.


Deɛ ɔkyiri atɛntenenee bɛnya aman adi so anaa? Anaasɛ wobɛbu ɔteneneeni tumfoɔ no fɔ?


Wo nko ara na mafom woɔ, na mayɛ deɛ ɛyɛ w’ani so bɔne, na woadi bem wo kasa mu, na wo ho ate, w’atemmuo mu.


Na asafo AWURADE abɔ ne tirim, hwan na ɔbɛma no ayɛ ɔkwa? Na ne nsa atene, hwan na ɔbɛsianka no?


na mo ne owuo apam no wɔbɛtwam, na mo ne Asamando nkasasie no rennyina; mpire a ɛhwe tra soɔ no, sɛ ɛretwam a, ɛbɛtiatia mo so;


Kae me ɛ, na yɛmmɛbu atɛn; ka wo deɛ, na woadi bem.


Deɛ ɔne ne Nwomfoɔ ham, fam nkyɛmferɛ ne ɔnwomfoɔ no nnue! Dɔteboɔ bisa ne nwomfoɔ sɛ: Woreyɛ deɛn? Anaa w’adwuma no nni nsa?


Dabi da, na mmom ma Onyankopɔn nyɛ ɔnokwafoɔ, na nnipa nyinaa nyɛ atorofoɔ, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Deɛ ɛbɛyɛ na woadi bem wɔ wo nsɛm mu, na wobu atɛn a, woadi nkonim.


Anuanom, mede deɛ yɛhu no daa no reyɛ mfatoho: Onipa samanseɛ a wɔde nsa ahyɛ aseɛ mpo, obiara ntumi nsesa no, na ɔmmfa bi nka ho.


Na yei na mereka: Apam a Onyankopɔn ahyɛ no den asie (Kristo mu) no, mmara a mfeɛ ahanan aduasa akyiri ɛbaeɛ no ntumi ntu ngu, na ɛmma bɔhyɛ no nyɛ ɔkwa.


Na wɔgu ahyɛdeɛ bi a ɛdi kan wɔ emu adeɛ a ɛyɛ mmerɛ na ɛho nni mfasoɔ nti,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios