Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hiob 4:17 - New Revised Asante Twi Bible

17 Ɔdasani tene sene Onyankopɔn, anaa onipa ho te sene ne yɛfoɔ?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

17 Ɔdasani tene sene Onyankopɔn, anaa onipa ho te sene ne yɛfoɔ?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

17 ‘Onipa desani betumi ateɛ asen Onyankopɔn? Na mpo ɔhoɔdenfo betumi ayɛ kronkron asen ne Yɛfo ana?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

17 ‘Onipa dasani bɛtumi atene asene Onyankopɔn? Onipa bɛtumi ayɛ kronn asene ne Yɛfoɔ anaa?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

17 So ɔdesani teɛ sen Onyankopɔn, anaa onipa ho tew sen ne yɛfo?

Ver Capítulo Copiar




Hiob 4:17
25 Referencias Cruzadas  

Yei mpare wo sɛ wobɛdi saa asɛm yi sɛ wobɛkum ɔteneneeni ne ɔdebɔneyɛni afra, na ɔteneneeni ayɛ sɛ ɔdebɔneyɛni; yei mpare wo. Deɛ ɔbu asase nyinaa atɛn no remmu atɛntenenee anaa?


Hwan na ɔbɛnya ɔhoteni, wɔn a wɔn ho akum no mu? Obiara nni hɔ.


Hwan ne ɔdasani a ne ho bɛteɛ ne deɛ ɔbaa awo no a ɔtene?


Ɔdasani bɛtene Nyankopɔn anim sɛn, na ɛbɛyɛ dɛn na deɛ ɔbaa awo no no ho bɛteɛ?


Ɛnyɛ deɛ ɔyɛɛ me no na ɔyɛɛ no ɔyafunu mu, na ɔbaakofoɔ na ɔsiesiee yɛn nyinaa ɛna yam?


na mennim m’ano adɛfɛdɛfɛ, anka ebia ɛbɛka ketewaa sɛɛ, na me yɛfoɔ afa me akɔ.


Nanso obi nka sɛ: Ɛhe na Onyankopɔn, me yɛfoɔ no wɔ? Deɛ ɔma nnwom anadwo,


Wobu no sɛ ɛtene, anaa woka sɛ: Me tenenee sene Nyankopɔn deɛ,


Mɛfa me nimdeɛ afiri akyirikyiri, na mede me yɛfoɔ no bem ama no.


ɛgyinae, nanso manhunu ne su, suban bi gyinagyina m’ani so, metee nne bɔkɔɔ bi sɛ:


Wobɛdane m’atemmuo no ani? Wobɛbu me fɔ na woadi bem?


Onyankopɔn bɛkyea atemmuo anaasɛ Otumfoɔ bɛkyea tenenee?


Ampa ara, menim sɛ ɛte saa, na ɔdasani bɛtene wɔ Nyankopɔn anim sɛn?


Na mfa w’akoa nkɔ atemmuo mu, na w’anim ɔteasefoɔ biara renni bem.


AWURADE tene, n’akwan nyinaa mu, na ɔyɛ adɔeɛ ne nnwuma nyinaa mu.


Ampa ara, onipa tenenee biara nni asase so a ɔyɛ papa na ɔnyɛ bɔne.


O AWURADE, sɛ me ne wo bɔ nkuro a, wodi bem ara; nanso me ne wo bɛkasa ara: Adɛn nti na abɔnefoɔ kwan si wɔn yie na nkɔnkɔnsafoɔ nyinaa nso ho dwo wɔn?


Akoma wɔ hɔ yi, ɛyɛ nnaadaa sene adeɛ nyinaa na ɛyɛ nsɛmmɔne pa ara, hwan na ɔbɛnya mu ahunuyɛ?


O Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bunu a emu dɔ! Wɔrenhunu n’atemmuo mu peepee, na wɔrenhunu n’akwan akyiri hwehwɛ nwie da.


Na w’akoma den ne akoma pirim nti, woreboaboa abufuo ano de atwɛn abufuo ne Nyankopɔn atɛntenenee no adiyie da no.


Ɛnneɛ, onipa, hwan ne wo a wotuatua Onyankopɔn asɛm ano? Anwonneɛ bɛse ɔnwomfoɔ sɛ: Adɛn nti na woyɛɛ me sɛɛ?


Na ateasefoɔ baanan no mu biara wɔ ntaban nsia, na aniwa ahyehyɛ wɔn ho ne wɔn mu mama, na wɔto dwom daa awia ne anadwo sɛ: Kronkron, kronkron, kronkron ne Awurade Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ a ɔtenaa hɔ, na ɔwɔ hɔ, na ɔrebɛba.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios