Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hiob 39:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 N’ahoɔden so nti, wode wo ho bɛto ne so, na woagya w’adwuma ama no anaa?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 N’ahoɔden so nti, wode wo ho bɛto ne so, na woagya w’adwuma ama no anaa?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Wubetumi de wo ho ato no so esiane nʼahoɔden dodo nti? Wubegyaw wʼadwuma a ɛyɛ den no ama no ana?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Wobɛtumi de wo ho ato no so ɛsiane nʼahoɔden dodoɔ nti? Wobɛgya wʼadwuma a ɛyɛ den ama no anaa?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 So n’ahoɔden so nti, wode wo ho bɛto no so, na woagyaw w’adwuma ama no anaa?

Ver Capítulo Copiar




Hiob 39:11
16 Referencias Cruzadas  

Na Onyankopɔn kaa sɛ: Momma yɛnyɛ onipa wɔ yɛn suban so sɛ yɛn nsɛsoɔ, na wɔnni ɛpo mu mpataa, ewiem nnomaa, ntɔteboa, ne mmoa a wɔwea asase so nyinaa so.


Na Onyankopɔn hyiraa wɔn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monwo, na monnɔre, na monyɛ asase so ma, na monya so tumi; na monni ɛpo mu mpataa ne ewiem nnomaa ne mmoa a wɔwɔ asase soɔ nyinaa so.


Na wɔde wɔn aburoo no soasoaa wɔn mfunumu, na wɔfirii hɔ kɔe.


Na mo ho hu ne mo ho suro mmra asase so mmoadoma nyinaa ne ewiem nnomaa nyinaa, deɛ ɛwea fam nyinaa ne ɛpo mu mpataa nyinaa so; mo nsa na wɔde wɔn ahyɛ.


Wode homa bɛsa okoo, mfɛtɛeɛka ho, anaasɛ ɔbɛtwe mmonhwa mu mfɛtɛeɛ so adi w’akyi?


Wobɛgye no adi sɛ ɔde w’aba bɛba, na waboa ano de aba w’asan so?


Na yɛn anantwie ho atua wɔn ho a ɔsɛeɛ ne ɔyera mma wɔn mu, na abooboo amma yɛn mmɔntene so.


Ɛnyɛ ɔpɔnkɔ ahoɔden na ɛyɛ no fɛ, ɛnyɛ ɔdasani akokoɔduro na ɛsɔ n’ani.


Ebinom kamfo nteaseɛnam, na ebinom kamfo apɔnkɔ, na yɛn deɛ, yɛkamfo AWURADE yɛn Nyankopɔn din.


Deɛ anantwie nnie hɔ no, adidideɛ nso nni hɔ, na nnɔbaeɛ pii wɔ nantwinini ahoɔden mu.


na mokaa sɛ: Dabi, na apɔnkɔ so na yɛbɛtena adwane. Enti dwane na mobɛdwane! Na mmoa ahoɔharefoɔ so na yɛbɛtena akorɔ. Enti wɔn a wɔti mo no ho bɛyɛ hare!


Negeb mmoa ho atemmusɛm. Wɔfa ahohiahia ne ahokyere asase so, deɛ gyatabereɛ ne gyatanini fire no, deɛ ahuritia ne ɔwɔ a ɔtuo wɔ no, wɔde wɔn nnoɔma agu mfunumu akyiri, na wɔde wɔn akoradeɛ agu yoma akyiri apɔ so, wɔde rekɔ ɔman a wɔn ho remma wɔn mfasoɔ biara no nkyɛn.


Bel butu, Nebo koto; akwantuo mmoa ne anantwie soso wɔn ahoni; wɔakyekyere mo nnesoa asoasoa mmoa a wɔrebrɛ.


Onyankopɔn ayi wɔn afiri Misraim, n’ahoɔden te sɛ ɛkoɔ deɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios