Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hiob 38:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Ɛhe na na wowɔ berɛ a metoo asase fapem? Sɛ wowɔ nhunumu a, ka ɛ!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Ɛhe na na wowɔ berɛ a metoo asase fapem? Sɛ wowɔ nhunumu a, ka ɛ!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 “Bere a metoo asase fapem no, na wowɔ he? Sɛ wote ase, ka ɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 “Ɛberɛ a metoo asase fapem no, na wowɔ he? Sɛ wonim a, ka ɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Ɛhe na wowɔ, bere a metoo asase fapem no? Sɛ wowɔ nhumu a, ka ɛ!

Ver Capítulo Copiar




Hiob 38:4
18 Referencias Cruzadas  

Mfitiaseɛ no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.


Yei ne sɛdeɛ AWURADE Nyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.


Wone deɛ ɔdi kan a wɔwoo no onipa, na wɔnyinsɛn wo ansa na wɔreyɛ nkokoɔ?


Ɔhyɛɛ mframa duro too hɔ, na ɔhyɛɛ nsuo sɛ ne nsusuiɛ teɛ no,


Hwan na ɔde asase hyɛɛ ne nsa, na hwan na ɔsiesiee wiase nyinaa?


Tete nteredee na wohyɛɛ asase aseɛ, na ɔsoro ne wo nsa ano adwuma.


Ɛno deɛ, ɛbɛsɛe, na wo deɛ, wotim hɔ daa. Wɔn nyinaa bɛsu sɛ atadeɛ, wobɛsakyera wɔn sɛ atadeɛ, na wɔasakyera.


Ɔde asase atim ne nnyinasoɔ so, na anhinhim da biara da.


AWURADE de nyansa na ɛhyɛɛ asase aseɛ, ɔde nteaseɛ de ɔsoro tim hɔ;


Hwan na waforo akɔ soro na wasiane? Hwan na ɔkura mframa wɔ ne nsam? Hwan na ɔbɔ nsuo boaa, ntoma mu? Hwan na ɔde asase ano nyinaa sisi hɔ? Sɛ wonim a, ne din de sɛn? Na ne ba din de sɛn?


AWURADE bɔɔ me de firii n’adwuma ase, ne nnwuma a ɛfiri teteete no mu adikan.


Ɔne hwan na atu agyina, na wama no ahunu biribi, na wakyerɛkyerɛ no atemmuo kwan, na wakyerɛ no nimdeɛ, na wama no ahunu nhunumu kwan?


Ɔno na ɔde ne tumi yɛɛ asase, de ne nyansa maa wiase timm hɔ, na ɔde ne nhunumu trɛɛ ɔsoro mu.


Na hwɛ, deɛ ɔnwonoo mmepɔ na ɔbɔɔ mframa na ɔkyerɛ onipa deɛ ɛwɔ n’adwene mu no, deɛ ɔyɛ adekyehema esum, na ɔtiatia asase sorɔnsorɔmmea soɔ no, AWURADE, asafo Nyankopɔn ne ne din.


Na: Awurade, mfitiaseɛ no, wotoo asase fapem, na wo nsa ano nnwuma ne ɔsoro.


nna a ɛdi akyire yi mu nso, ɔnam Ɔba no so akasa akyerɛ yɛn. Ɔno na wayɛ no nnoɔma nyinaa ɔdedifoɔ, a ɔnam ne so nso abɔ wiase nyinaa.


Ɔma mmɔborɔni so firi mfuturo mu, na ɔma ohiani so firi sumina so, sɛ ɔde no bɛtena mmapɔmma mu, na wama no anya animuonyam adwa so atena. Na asase nnyinasoɔ yɛ AWURADE dea, na ɔde wiase asi so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios