Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hiob 34:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 na mmom, onipa nneyɛɛ so ka na ɔtua no, na sɛdeɛ obi kwan teɛ no, saa na ɔma no to no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 na mmom, onipa nneyɛɛ so ka na ɔtua no, na sɛdeɛ obi kwan teɛ no, saa na ɔma no to no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Nnipa nneyɛe so na ɔhwɛ tua wɔn ka; nea ɛfata ne nneyɛe na ɔma ɛba ne so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Nnipa nneyɛeɛ so na ɔhwɛ tua wɔn ka; deɛ ɛfata ne nneyɛeɛ na ɔma ɛba ne so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 na mmom, onipa nneyɛe so ka na otua no, na sɛ obi kwan te no, saa na ɔma ɛto no.

Ver Capítulo Copiar




Hiob 34:11
18 Referencias Cruzadas  

Ɔkoto Onyankopɔn a, n’ani sɔ no, na ɔhunu n’anim anigyeɛ mu, na ɔdane ɔdasani tenenee ma no,


Ɛno nti ɔhwɛ wɔn nneyɛɛ, na ɔbutu wɔn anadwo ma wɔdwerɛ wɔn.


na wo, AWURADE, na adom wɔ woɔ. Na wobɛtua onipa ka sɛdeɛ n’adwuma teɛ.


enti wɔbɛdi wɔn kwan so aba, na wɔn agyina a wɔtutuiɛ amee wɔn.


Onipa anomu aba na ɔde bɛdi papa ameeɛ, na onipa nsa ano adeɛ na wɔbɛdane ama no.


Sɛ wose: Hwɛ, na yɛnnim yei a, deɛ ɔkari akoma no nhunu mu, na deɛ ɔkora wo kra no nnim anaa? Na ɔbɛtua onipa ka sɛdeɛ ne nneyɛɛ teɛ.


Sɛ wɔyɛeɛ no, saa ara na ɔbɛhyɛ wɔn ananmu de abufuhyeɛ ama n’ahohiahiafoɔ, ne akatua ama n’atamfo; nsuano aman nso, ɔde akatua bɛhyɛ wɔn ananmu.


Me, AWURADE, na mehwehwɛ adwene mu, na mesɔ akoma mehwɛ, na mɛma obiara sɛdeɛ n’akwan teɛ, sɛdeɛ ne nneyɛɛ aba no teɛ.


Wo a woso, agyinatuo mu na w’adeyɛ dɔɔso. Wo a w’ani bue hwɛ nnipa mma akwan nyinaa, sɛ wobɛma obiara sɛdeɛ n’akwan ne ne nneyɛɛ aba teɛ no.


na ɔbɔ bosea na ɔgye nsiho a, ɔbɛnya nkwa anaa? Aane, ɔrennya nkwa! Wayɛ akyiwadeɛ yi nyinaa, wuo na ɔbɛwuo, ne mogya bɛbua n’atifi.


Na Onipa Ba no de n’agya animuonyam ne n’abɔfoɔ na ɛbɛba; ɛno na ɔbɛtua onipa biara ka sɛdeɛ ne nneyɛɛ teɛ.


Ɔno na ɔbɛsusu nnipa nyinaa nnwuma so adeɛ ama wɔn mmaako mmaako.


Na ɛtwa sɛ yɛn nyinaa yɛkɔpue Kristo atemmuo adwa no anim hɔ, na obiara anya deɛ ɔnam nipadua so yɛeɛ no, papa oo, bɔne oo, sɛdeɛ ɔyɛeɛ no.


Na sɛ mofrɛ deɛ ɔnhwɛ nnipa anim na ɔbu atɛn sɛdeɛ obiara adwuma teɛ no sɛ Agya a, momfa suro mmɔ mo bra mo ahɔhobea tenabea yi mu,


Hwɛ, mereba ntɛm, na mekura m’akatua sɛ mede merebɛma obiara sɛdeɛ n’adwuma teɛ.


Na AWURADE bɛdane onipa biara tenenee ne ne nokorɛdie ama no, sɛ nnɛ AWURADE de wo hyɛɛ me nsa, na mampɛ sɛ metene me nsa meka deɛ AWURADE asra no no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios