Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hiob 33:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Nyankopɔn honhom na ɛyɛɛ me, na Otumfoɔ no ahome na ɛmaa me nkwa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Nyankopɔn honhom na ɛyɛɛ me, na Otumfoɔ no ahome na ɛmaa me nkwa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Onyankopɔn Honhom na abɔ me; Otumfo no home ma me nkwa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Onyankopɔn Honhom na abɔ me; Otumfoɔ no ahome ma me nkwa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Onyankopɔn honhom na ɛyɛɛ me, na Otumfo no ahome na ɛmaa me nkwa.

Ver Capítulo Copiar




Hiob 33:4
11 Referencias Cruzadas  

Na AWURADE Nyankopɔn de fam dɔteɛ nwonoo onipa, na ɔhuu nkwa home guu ne hwene mu, na onipa yɛɛ ɔkra teasefoɔ.


Nkwa ne adɔeɛ na wode ayɛ me, na wo hwɛ nso wɛn me honhom.


Ɛyɛ ma wo sɛ wohyɛ obi soɔ anaa, sɛ wopo wo nsa ano adwuma na wopene abɔnefoɔ agyina soɔ?


Ne nsam na ɔteasefoɔ biara kra wɔ, ne adasamma nyinaa ahonhom.


na m’ahome nyinaa da so wɔ me mu, na Nyankopɔn ahome da so wɔ me hwene mu yi,


Ampa, honhom a ɛwɔ ɔdasani mu ne Otumfoɔ ahome na ɛma no nhunumu.


Wosoma w’ahome ba, na wode bɔ wɔn, na woma asase ani yɛ foforɔ.


AWURADE de n’asɛm na ɛyɛɛ ɔsoro, na ɔde n’anomu honhom yɛɛ emu asafo nyinaa.


Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie, deɛ ɔbɔɔ ɔsoro na ɔtrɛɛ mu, na ɔyerɛɛ asase ne so afifideɛ nyinaa, na ɔde ahome ma ɛso nkurɔfoɔ, na ɔde honhom ma wɔn a wɔnam soɔ no seɛ nie:


Na Kristo Yesu mu nkwa honhom mmara no agye me afiri bɔne ne owuo mmara no mu.


Saa ara nso na wɔatwerɛ sɛ: Adam, onipa a ɔdi kan no, bɛyɛɛ ɔkra teasefoɔ. Adam a ɔdi akyire no bɛyɛɛ honhom a ɔma nkwa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios