Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hiob 27:21 - New Revised Asante Twi Bible

21 Apueeɛ mframa soa no kɔ, na ɛhwim no firi ne tenabea.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

21 Apueeɛ mframa soa no kɔ, na ɛhwim no firi ne tenabea.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Apuei mframa soa no kɔ, na onni hɔ bio; ɛtwe no fi ne tenabea.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Apueeɛ mframa soa no kɔ, na ɔnni hɔ bio; ɛtwe no firi ne teberɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

21 Apuei mframa soa no kɔ, na ehwim no fi ne tenabea.

Ver Capítulo Copiar




Hiob 27:21
14 Referencias Cruzadas  

Wɔbɛsum no afiri hann mu akɔ sum mu, na wɔapam no afiri wiase.


Ɔbɛtu akɔ sɛ daeɛ, na wɔrenhu no, na wɔbɛpamo no akɔ sɛ anadwo adehunu.


Wɔte sɛ nkyɛnkyɛmma, mframa ano, ne ntɛtɛ a ahum soa korɔ.


Woma me so ma metena mframa so kɔ, na woma menane huuyɛ mu.


Ɔrensane mma ne fie bio, na ne tenabea renhu no bio.


Ɛnam w’abufuo ne w’anibereɛ so nti, na womaa me soɔ, na woato me atwene.


Ɔbɛma asraman aduru abɔnefoɔ, ogya ne sɔfe ne mframa a ɛderɛ ne wɔn kuruwa mu kyɛfa.


Ansa na mo nkukuo bɛte nkasɛɛ no nka no, sɛ ɛyɛ mono oo, ɛreben oo, ɔde abufuhyeɛ bɛpra ne nyinaa agu.


saa ara na fa w’ahum taa wɔn, na fa wo mframa denden no yi wɔn hu.


Mɛyɛ sɛ apueeɛ mframa mabɔ wɔn mapete wɔn atamfoɔ anim, m’akyiri mmom, na ɛnyɛ m’anim, na mede bɛkyerɛ wɔn, wɔn sɛeɛ da no.


Na ɔbɛso aba ne nuanom mu. Apueeɛ ahum bɛtu, AWURADE mframa firi ɛserɛ so bɛbɔ, na n’asubura mu awe, na ne nsuo aniwa to atwa; na ɔbɛfom adekoradan mu afɛfɛdeɛ nyinaa.


Na osu kɛseɛ tɔe, na nsuo yirii, na mframa bɔe, na ɛbɛbɔɔ aban no, na ɛbui, na ɛbubuu pasapasa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios