Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hiob 26:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Ɔtwa nsuo ani hyeɛ de kɔsi deɛ hann ne sum awieeɛ hyia hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Ɔtwa nsuo ani hyeɛ de kɔsi deɛ hann ne sum awieeɛ hyia hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Ɔhyɛ agyirae wɔ nsu so de to ɔhye wɔ hann ne sum ntam.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Ɔhyɛ agyiraeɛ wɔ nsuo so de to hyeɛ wɔ hann ne esum ntam.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Otwa nsu ani hye de kosi nea hann ne sum awiei hyia hɔ.

Ver Capítulo Copiar




Hiob 26:10
13 Referencias Cruzadas  

Nna a asase wɔ hɔ yi nyinaa, oguo ne otwa, awɔ ne ahuhuro, asuso ne ɔpɛ, awia ne anadwo rennyae da.


Ɔsoro nnyinasoɔ hinhim, na wɔn ho dwiri wɔn, n’ateatea ano.


Na AWURADE firi ahum no mu buaa Hiob sɛ:


Ɛhe na hann tenabea kwan wɔ, na esum nso, n’afa wɔ he?


Na wode akɔ ne hyeɛ so, na woahunu ne fie akwan no.


Ɛhe na ɔkwan a hann nam so hyerɛnhyerɛn no wɔ, ne deɛ apueeɛ mframa fa so bɔ asase soɔ no nso wɔ?


Ɔka ɛpo nsuo boa ano kuo, ɔde ebunu sie deɛ ɛhɔ dɔ.


Ɔsiesiee ɔsoro no, na mewɔ hɔ, berɛ a ɔtwaa abunu ani kɔntɔnkrɔn no;


ɔtwaa ɛpo hyeɛ, na nsuo antra, na ɔde asase fapem too hɔ no,


Monsuro me? AWURADE asɛm nie, anaasɛ mo akoma ntu m’anim? Me a mede anwea meto po ano hyeɛ, daa hyeɛ a ɛntumi ntra; na sɛ mpo n’asorɔkyeɛ bɔ a, ɛntumi no, na sɛ ɛhuru sɛ deɛn ara a, ɛntumi ntra.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios