Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hiob 25:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 N’asafo ano wɔ abuyɛ anaa? Na hwan na ne hann renhyerɛn ne soɔ?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 N’asafo ano wɔ abuyɛ anaa? Na hwan na ne hann renhyerɛn ne soɔ?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Wobetumi akan nʼakofo ana? Hena na ne hann nhyerɛn wɔ ne so?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Wɔbɛtumi akan nʼakodɔm anaa? Hwan na ne hann nto ngu ne soɔ?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 So n’asafo ano wɔ abuye? Na hena na ne hann renhyerɛn no so?

Ver Capítulo Copiar




Hiob 25:3
16 Referencias Cruzadas  

Akyɛdeɛ pa nyinaa ne akyɛdeɛ a ɛyɛ pɛ nyinaa firi soro, ɛfiri hann Agya no nkyɛn na ɛba. Ɔno na nsakyeraeɛ ne adaneadane sunsum nni ne mu.


na moayɛ mo Agya a ɔwɔ soro no mma; ɛfiri sɛ ɔma n’awia pue nnipa bɔne ne nnipa pa so, na ɔtɔ nsuo gu wɔn a wɔtene ne wɔn a wɔntene so.


Na mehwɛe, na metee abɔfoɔ bebree a wɔatwa ahennwa no ne ateasefoɔ no ne mpanimfoɔ no ho kɔntɔnkrɔn nne, wɔn ano si mpempem ne mpem ahodoɔ mpem,


Nokorɛ hann a ɛhyerɛn ma onipa biara no na ɛreba wiase yi.


Ne mu na nkwa wɔ, na nkwa no ne nnipa hann;


Anaasɛ wodwene sɛ anka merentumi mensrɛ m’Agya seesei na ɔnsoma abɔfoɔ asafodɔm bɛboro dummienu mmɛgyina me ho?


Ogya te sɛ asubɔnten sene firi n’anim bae, mpem mpem som no, na mpemdu mpemdu buburugyaa gyina n’anim, wɔtenaa ase sɛ wɔrebu atɛn, na wɔbuebuee nwoma no mu.


Momma mo ani so nhwɛ soro, na monhwɛ deɛ ɔbɔɔ yeinom! Ɔno na ɔbu wɔn dɔm ano yi wɔn adie, na ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn; ne tumi dodoɔ ne n’ahoɔden kɛseɛ nti, obiara nyera.


n’agyan dii me so ntwaguo, ɔpaee me sawa mu, na wannodo ho, ɔhwiee me bɔnwoma guu fam;


Ɔdasani bɛtene Nyankopɔn anim sɛn, na ɛbɛyɛ dɛn na deɛ ɔbaa awo no no ho bɛteɛ?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios