Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hiob 24:23 - New Revised Asante Twi Bible

23 Ɔma wɔtena hɔ dwoodwoo, na wɔde wɔn ho to ɛno so, nanso na n’ani hwɛ wɔn akwan.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

23 Ɔma wɔtena hɔ dwoodwoo, na wɔde wɔn ho to ɛno so, nanso na n’ani hwɛ wɔn akwan.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Otumi ma wɔn tena ase asomdwoe mu, nanso nʼani wɔ wɔn akwan so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Ɔtumi ma wɔn tena ase asomdwoeɛ mu, nanso nʼani wɔ wɔn akwan so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

23 Ɔma wɔtena hɔ dwoodwoo, na wɔde wɔn ho to ɛno so, nanso na n’ani hwɛ wɔn akwan.

Ver Capítulo Copiar




Hiob 24:23
25 Referencias Cruzadas  

AWURADE ani wɔ mmaa nyinaa rehwɛ abɔnefoɔ ne apapafoɔ.


Na mede owuo bɛkum ne mma, na asafo no nyinaa ahunu sɛ, mene deɛ ɔhwehwɛ adwene ne akoma mu, na mɛma mo mu biara sɛdeɛ mo nnwuma teɛ.


Na berɛ a wɔbɛka sɛ: Yɛwɔ asomdwoeɛ ne ahotɔ no, ɛnneɛ mpofirim na ɔsɛeɛ bɛba wɔn soɔ sɛ awoko ba ɔbaa a ɔnyem soɔ, na wɔrennya kwan nnwane.


Na sɛ akoa no se n’akomam sɛ: Me wura akyɛre ne ba, na ɔfiri aseɛ boro asomfoɔ ne mmaawa no, na ɔdidi na ɔnom boro a,


Wo a w’aniwa yɛ kronkron a wontumi nhwɛ bɔne na wontumi nhwɛ ɔhaw, adɛn nti na wohwɛ nkɔnkɔnsafoɔ, na ɔbɔnefoɔ mene ɔteneneeni a ɔtene sene no a, woyɛ komm?


Sɛ wɔfunifuni kɔ Asamando a, me nsa bɛfa wɔn afiri hɔ aba, na sɛ wɔforo kɔ ɔsoro a, mede wɔn bɛfiri hɔ asiane.


AWURADE aka Yakob ahokyerɛ ntam sɛ: Me werɛ remfiri wɔn nneyɛɛ nyinaa da biara da!


Wɔka sɛ: Mommra, momma yɛnkɔ nkɔfa nsa, na yɛnwe nsaden, na ɔkyena bɛyɛ sɛ nnɛ, ɛbɛso aboro so pii.


Sɛ nneyɛɛ bɔne ho afobusɛm mma mu ntɛmntɛm nti na nnipa mma bɔne ho atirimpɔ ayɛ wɔn akoma ma.


Na sɛ wohunu mmɔborɔni sɛ wɔhyɛ ne soɔ, ne atemmuo, ne tenenee anidane wɔ asase bi so a, mma wo ho nnnwiri wo saa asɛm no ho, na deɛ ɔso no, deɛ ɔso sene no hwɛ no so, na deɛ ɔso koraa no hwɛ wɔn so.


Na onipa akwan da AWURADE anim na ɔtaataa n’anammɔn nyinaa.


Amimfoɔ ntomadan si hɔ dwoodwoo, na wɔn a wɔhuru Nyankopɔn boɔ te hɔ komm, wɔn a wɔkura wɔn nyame wɔ wɔn nsam no.


Na ɔno na ɔnim nnipa ahuhufoɔ, na ɔhunu abusudeɛ, nanso ɔmmu.


Wowɔ honam aniwa anaasɛ wohunu adeɛ sɛ ɔdasani hu no?


Ɛnyɛ ɔno na ɔhunu m’akwan, na ɔkan m’anammɔn tutuo nyinaa?


Na n’ani wɔ onipa akwan so, na ɔhunu n’anammɔntutuo nyinaa.


Medi wo nsiesieeɛ ne w’adansesɛm so, na m’akwan nyinaa wɔ w’anim.


N’akwan yere hɔ pintinn daa nyinaa. W’atemmudeɛ asɔre n’ani so kɔ akyirikyiri, ɔmfa n’ahohiahiafoɔ nyinaa nyɛ ahuro.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios