Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hiob 24:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Nkuro mu nso na mmarima apinisie fire, na wɔn a wɔapira wɔn akra su frɛ, nanso Onyankopɔn mfa n’ani nkari amumuyɛsɛm no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Nkuro mu nso na mmarima apinisie fire, na wɔn a wɔapira wɔn akra su frɛ, nanso Onyankopɔn mfa n’ani nkari amumuyɛsɛm no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Wɔn a wɔrewuwu no apinisi fi kuropɔn no mu, na apirafo kra su pɛ mmoa. Nanso Onyankopɔn mfa bɔne nto obiara so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Wɔn a wɔrewuwuo no apinisie firi kuropɔn no mu, na apirafoɔ kra su pɛ mmoa. Nanso Onyankopɔn mfa bɔne nto obiara so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Nkurow mu nso mmarima si apini, na wɔn a wɔapira wɔn akra su frɛ mmoa, nanso Onyankopɔn mfa n’ani nkari wɔn amumɔyɛsɛm no.

Ver Capítulo Copiar




Hiob 24:12
23 Referencias Cruzadas  

Na AWURADE se: Ɛdeɛn na woayɛ yi? Wo nua mogya nne reteam frɛ me firi asase so.


Wɔkyi ngo wɔn afasuo mu, wɔtiatia nsa-kyi-amena so, nso wɔdi sukɔm.


Ebinom ayɛ hann anim atuatefoɔ, wɔnhwɛ n’akwan, na wɔntena n’atempɔn mu.


Sɛ atoyerɛnkyɛm kum obi mpofirim a, ɔseresere wɔn a wɔdi bem amaneɛ.


Wɔde asase ahyɛ ɔbɔnefoɔ nsa, ɔkata n’atemmufoɔ ani. Sɛ ɛnyɛ ɔno a, na ɛyɛ hwan a?


Adɛn nti na ɔbɔnefoɔ yi Onyankopɔn ahi ka no n’akomam sɛ: Worentwe m’aso?


Na meyɛ mmɔborɔni ne ohiani, na m’akoma apira wɔ me mu.


Mmɔborɔfoɔ so hyɛ ne ahiafoɔ apinisie nti mɛsɔre afei, sɛ AWURADE seɛ ni, mɛgye deɛ ɔgu ahome repɛ nkwagyeɛ no nkwa.


Woayɛ yeinom, na mayɛ komm nti, wosusu sɛ mete sɛ wo ara, mɛka w’anim na mede mataataa w’anim.


Ɛfiri sɛ wɔtaa deɛ wo ara woabɔ no no, na wɔka wɔn a woapira wɔn no yea kyerɛ.


ɛfiri sɛ ɛno nko ara ne ne nkataho, ne honam ntoma. Ɛdeɛn na ɔmfa nna? Na sɛ ɔsu frɛ me a, mɛtie, ɛfiri sɛ mmɔborɔhunufoɔ ne me.


Na mesane mehwɛɛ nhyɛsoɔ a wɔyɛ no owia yi aseɛ no nyinaa, na hwɛ, wɔn a wɔhyɛ wɔn soɔ no nisuo, na wɔnni ɔwerɛkyekyefoɔ biara, na nhyɛsofoɔ nsam den no mu no, wɔnni ɔwerɛkyekyefoɔ bi!


Na afei, ɛdeɛn na mewɔ meyɛ no ha, AWURADE asɛm nie, na wɔafa me man kwa yi? Wɔn a wɔdi wɔn soɔ no twa adwo, AWURADE asɛm nie, na wɔka me din ho abususɛm daa daa nyinaa.


O AWURADE, sɛ me ne wo bɔ nkuro a, wodi bem ara; nanso me ne wo bɛkasa ara: Adɛn nti na abɔnefoɔ kwan si wɔn yie na nkɔnkɔnsafoɔ nyinaa nso ho dwo wɔn?


Wotɛ wɔn, na wɔgye nhini; wɔnyinyini na wɔsoso aba nso; wobɛn wɔn ano, na wo ne wɔn akoma ntam twe.


Mode mo nsɛm hyɛ AWURADE brɛ. Nanso moka sɛ: Ɛdeɛn na yɛde hyɛ no brɛ? Sɛ mobisa sɛ: Obiara a ɔyɛ bɔne no, ɔyɛ wɔ AWURADE anim, na wɔn ho yɛ no anisɔ; anaasɛ: Atemmuo Nyankopɔn no wɔ he?


Na afei yɛn deɛ, yɛbu ahantanfoɔ ahotɔfoɔ; wɔn a wɔdi abɔnefosɛm no, wɔn ase atim, nso wɔsɔ Onyankopɔn hwɛ, na wɔfiri mu fi nso.


na mommu yɛn Awurade abodwokyɛre no sɛ nkwagyeɛ, sɛdeɛ yɛn nua dɔfo Paulo nso de ne nyansa a wɔde ama no twerɛɛ mo no,


Na wɔyiyii anyame ananafoɔ no firii wɔn mu, na wɔsomm AWURADE; na Israel amanehunu no yɛɛ ne kra ahomete.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios