Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hiob 23:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Nso ɔno deɛ, ɔnsakyera da, na hwan na ɔbɛsane no? Na deɛ ɔpɛ, na ɔyɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Nso ɔno deɛ, ɔnsakyera da, na hwan na ɔbɛsane no? Na deɛ ɔpɛ, na ɔyɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 “Nanso obiara nni hɔ ka ne ho, na hena na obetumi atia no? Ɔyɛ biribiara a ɔpɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 “Nanso ɔbiara nni hɔ ka ne ho, na hwan na ɔbɛtumi atia no? Ɔyɛ biribiara a ɔpɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Nso ɔno de, ɔnsakra da, na hena na ɔbɛsan no? Na nea ɔpɛ na ɔyɛ.

Ver Capítulo Copiar




Hiob 23:13
21 Referencias Cruzadas  

Na yeinom na wode siee w’akomam; na mahunu sɛ yei na wowɔ tia me.


Nanso wonim sɛ menyɛ ɔbɔnefoɔ, na obi nni hɔ a ɔbɛgye wo nsam.


Sɛ ɔtwam ba na ɔde nnipa gu nnua mu na ɔhyia asennie a, ɛnneɛ hwan na ɔbɛsianka no?


Hwɛ, ɔdwiri, na wɔrento, ɔto onipa mu, na wɔremmue.


N’anomu mmara, mamfiri ho, makora n’anomu nsɛm sene deɛ ɛhia me.


Deɛ wahyɛ ama me na ɔbɛma no aba, na adeɛ a ɛte seyie pii na ɛwɔ ne tirim.


Na sɛ ɔno na ɔma no dwo a, hwan na ɔbɛbu fɔ? Na ɔde n’ani hunta a, hwan na ɔbɛhu no? Ɔman mu so oo, ɔbaakofoɔ so oo, ɔyɛ no pɛ,


Na yɛn Nyankopɔn wɔ ɔsoro, deɛ ɔpɛ nyinaa na ɔyɛ.


Biribiara a AWURADE pɛ no, ɔyɛ, ɔsoro ne fam, ɛpo ne abunu nyinaa mu.


Adwene pii wɔ onipa akoma mu, nanso AWURADE agyinatuo na ɛbɛgyina.


Deɛ akyea no, wɔntumi ntene, na deɛ ate aka mu no, wɔntumi nkan.


Menim sɛ adeɛ biara a Onyankopɔn yɛ no, ɛno na ɛbɛtena hɔ daa; wɔrentumi mfa bi nka ho, na wɔrentumi nyi bi mfiri mu. Na Onyankopɔn ayɛ no saa sɛdeɛ nnipa bɛsuro n’anim.


Me a mefiri mfitiaseɛ meka awieeɛ asɛm, na mefiri tete mmerɛ no meka deɛ wɔnyɛeɛ no, meka sɛ: Me tirimbɔ bɛgyina, na deɛ ɛsɔ m’ani nyinaa mɛyɛ.


Mɛfrɛ ɔkoropɔn bi afiri apueeɛ ne m’agyina mu barima afiri akyirikyiri asase so. Makasa, na mɛma no aba mu; madwene, na mɛyɛ.


na asase sotefoɔ nyinaa, wɔmmu wɔn hwee, na ɔde ɔsoro asafo ne asase sotefoɔ yɛ sɛdeɛ ɔpɛ, na obiara nni hɔ a ɔbɛbɔ ne nsa atwene na waka akyerɛ no sɛ: Ɛdeɛn na woreyɛ yi?


Na afei wobɛka akyerɛ me sɛ: Adɛn na ɔda so nunu onipa? Na hwan na ɔbɛtumi ne ne pɛ a ɔpɛ no adi asie?


Akyɛdeɛ pa nyinaa ne akyɛdeɛ a ɛyɛ pɛ nyinaa firi soro, ɛfiri hann Agya no nkyɛn na ɛba. Ɔno na nsakyeraeɛ ne adaneadane sunsum nni ne mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios