Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hiob 23:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 N’anomu mmara, mamfiri ho, makora n’anomu nsɛm sene deɛ ɛhia me.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 N’anomu mmara, mamfiri ho, makora n’anomu nsɛm sene deɛ ɛhia me.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Mentwee me ho mfii mmara nsɛm a efi nʼanom no ho, mama asɛm a efi nʼanom ho ahia me asen me daa aduan.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Mentwee me ho mfirii mmaransɛm a ɛfiri nʼanom ho, mama asɛm a ɛfiri nʼanom ho ahia me asene me daa aduane.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 N’anom mmara, mamfi ho, makora n’anom nsɛm sen nea ehia me.

Ver Capítulo Copiar




Hiob 23:12
22 Referencias Cruzadas  

Nyankopɔn awerɛkyekyerɛ ne n’asɛm a wɔne woka no brɛɛ no sua w’ani so anaa?


Gye n’anomu mmara, na fa ne nsɛm sie w’akomam.


Nso ɔno deɛ, ɔnsakyera da, na hwan na ɔbɛsane no? Na deɛ ɔpɛ, na ɔyɛ.


Me deɛ, me ho te, mmarato nni me ho; me ho yɛ tɔtorɔtɔɔ, amumuyɛ biara nni me ho.


Anka ɛbɛyɛ me awerɛkyekyerɛ ara na madi ahurisie, ɛyea a ɛnni adɔna me soɔ no mu, ɛfiri sɛ mensane Ɔkronkronni no nsɛm no!


Sɛdeɛ wo nsɛm si yɛ me dodom dɛ! Ɛsene sɛdeɛ ɛwoɔ yɛ m’anomu.


Mede wo nsɛm makora m’akomam, na manyɛ wo ho bɔne bi.


Enti medɔ wo mmara nsɛm sene sika kɔkɔɔ ne amapa.


AWURADE agyina deɛ, ɛgyina hɔ daa, n’akomam adwene wɔ hɔ ma awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa.


Yi adehuhuo ne atorosɛm firi me ho kɔ akyirikyiri, mma me ohia anaa ahonyadeɛ, ma mennya m’aduane a ɛhia me no menni,


Wo nsɛm ba a, na ɛyɛ me aduane, na wo nsɛm yɛ me ahosɛpɛ ne akomatɔyam, na wɔde wo din ato me, O AWURADE, asafo Nyankopɔn.


Na Awurade se: Hwan ne efiepanin nokwafoɔ ne ɔbadwemma a ne wura de no bɛdi ne fiefoɔ so, sɛ ɔmma wɔn wɔn aduane berɛ a ɛsɛ mu?


akoa no wura bɛba da a ɔnhwɛ no kwan ne dɔn a ɔnnim mu, na wabɛtwa ne mu mmienu, na wama ɔno ne akyinnyegyefoɔ anya kyɛfa korɔ.


Na ɔsee wɔn sɛ: Mewɔ aduane medi a monnim.


Yesu see wɔn sɛ: M’aduane ne sɛ meyɛ deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ, na mewie n’adwuma.


Ɛnna Yesu see Yudafoɔ a wɔagye no adie no sɛ: Sɛ motena m’asɛm mu a, moyɛ m’asuafoɔ ampa;


hyehyɛɛ asuafoɔ no akra den, tutuu wɔn fo sɛ wɔntena gyidie mu, kaa nso sɛ ɛtwa sɛ yɛnam amanehunu pii mu kɔ Nyankopɔn ahennie mu.


na mompɛ asɛm no nufosuo kronkron mapa, sɛ nkɔkoaa a wɔawo wɔn seesei, na moanyini wɔ mu akɔ nkwagyeɛ mu,


Wɔfiri yɛn mu na ɛkɔeɛ deɛ, nanso wɔnka yɛn ho, na sɛ wɔka yɛn ho a, anka wɔne yɛn tenaa hɔ. Na ɛyɛɛ saa na wɔada adi sɛ wɔn nyinaa nka yɛn ho.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios