Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hiob 22:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Wɔn a wɔpraa wɔn kɔeɛ ansa na ɛberɛ reduro, na wɔn nnyinasoɔ sene kɔɔ sɛ asuo no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 Wɔn a wɔpraa wɔn kɔeɛ ansa na ɛberɛ reduro, na wɔn nnyinasoɔ sene kɔɔ sɛ asuo no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Wɔpraa wɔn kɔe ansa na wɔn bere reso, na nsuyiri hohoroo wɔn fapem.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Wɔpraa wɔn kɔɔeɛ ansa na wɔn berɛ reso, na nsuyire hohoroo wɔn fapem.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Wɔn a wɔpraa wɔn kɔe ansa na ɛbere dui, na wɔn nnyinaso sen kɔe sɛ nsuyiri no.

Ver Capítulo Copiar




Hiob 22:16
19 Referencias Cruzadas  

Noa dii mfirinhyia ahansia no, bosome a ɛtɔ so mmienu no dadu nnanson soɔ, da no ara, ebunu kɛseɛ no nsuo ani nyinaa paepaee, na ɔsoro mpomma buebuee.


Na sɛdeɛ aboɔ nso, nsuo hono no, na ne yire pra fam dɔteɛ kɔ, saa ara na ɔdasani anidasoɔ nso woma no yera.


Ne da nnya nnuruiɛ no na akatua no bɛba, na ne duban renyɛ frɔmfrɔm;


Wɔhwere wɔn nna nnepa mu, na wɔsiane kɔ Asamando ntɛm so.


Wɔte sɛ nkyɛnkyɛmma, mframa ano, ne ntɛtɛ a ahum soa korɔ.


Ne ho yɛ hare wɔ nsuo ani; wɔadome ne kyɛfa asase so, ɔnnane n’ani nkɔ bobe nturo kwan so.


Wɔn kra wu mmeranteberɛ mu, na wɔn nkwa sɛe sɛ nnwamamfoɔ deɛ no.


na nkantom wɔn a wɔte dɔteɛ adan mu, na wɔn nnyinasoɔ wɔ mfuturo mu, na wɔfurofuro wɔn sɛ abubummabaa.


Meka sɛ: Me Nyankopɔn, mmu me nna mu mfa me, wo mfeɛ kyɛre kɔduru awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.


Na wo, Onyankopɔn, wode wɔn bɛkɔ ɔsɛeɛ amena mu, mogyapɛfoɔ ne nnaadaafoɔ renni wɔn nna fa, na me deɛ, mede me ho meto wo so.


Woma wɔsene kɔ sɛ susuansuo, wɔte sɛ daeɛ, anɔpa wɔfefɛ sɛ wira,


AWURADE suro to nna so, na abɔnefoɔ mfeɛ deɛ, wɔbɛtwa so.


Mma abɔnefosɛm nnɔɔso na nyɛ ɔkwasea nso. Adɛn nti na wobɛbu wo berɛ mu awuo?


Hwɛ, AWURADE wɔ ɔhoɔdenfoɔ ne otumfoɔ bi, sɛ asukɔtweaa a ɛreguo, ahum a ɛsɛe adeɛ; ɔbɛka agu fam ahoɔden so sɛ osutɔ a ɛde nsuo bebree a ɛyɛ den a ɛsram soɔ ba no.


na sɛ wankora tete wiase no, na mmom Noa a ɔyɛ tenenee sɛnkafoɔ ne nnipa baason a wɔka ne ho na ɔgyee wɔn na ɔde nsuyire bɛkataa amumuyɛfoɔ wiase soɔ no,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios