Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hiob 22:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Na woka sɛ: Ɛdeɛn na Onyankopɔn nim? Esum kabii akyiri nohoa na ɔbɛbu atɛn?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Na woka sɛ: Ɛdeɛn na Onyankopɔn nim? Esum kabii akyiri nohoa na ɔbɛbu atɛn?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Nanso woka se, ‘Dɛn na Onyankopɔn nim? Sum yi mu na obu atɛn ana?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Nanso woka sɛ, ‘Ɛdeɛn na Onyankopɔn nim? Esum yi mu na ɔbu atɛn anaa?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Na woka sɛ: Dɛn na Onyankopɔn nim? So kusukuukuu akyi noho na obebu atɛn?

Ver Capítulo Copiar




Hiob 22:13
15 Referencias Cruzadas  

Esum nni hɔ, na esum kabii nni hɔ, na amumuyɛfoɔ de wɔn ho ahunta hɔ.


Ɔse no n’akomam sɛ: Nyankopɔn werɛ afi, ɔde n’ani ahunta ɔrenhunu ara da.


Na sɛ mese: Esum nko mmɛkata me so na me ho hann nnane anadwo a,


Ɛhe na mɛfiri wo honhom no anim madwane makorɔ? Na ɛhe na mɛfiri w’anim madwane makorɔ?


Hwɛ, wɔde wɔn ano woro kasa, nkrantɛ wɔ wɔn ano, na “hwan na ɔteɛ?”


Wɔhyɛ wɔn asɛmmɔne mu den, wɔkeka sɛ wɔbɛhunta asum fidie, wɔka sɛ: Hwan na ɔbɛhu yɛn?


Na wɔse: Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn bɛhunu, nimdeɛ wɔ ɔsorosoroni no tirim anaa?


Wɔnnue, wɔn a wɔde wɔn agyinatuo hunta AWURADE fee, na wɔn nneyɛɛ wɔ esum mu, na wɔka sɛ: Hwan na ɔhu yɛn, anaa hwan na ɔni yɛn?


Sɛ obi de ne ho hunta huntabea bi a, merenhu no anaa? AWURADE asɛm nie. Ɛnyɛ ɔsoro ne asase na mayɛ so ma anaa? AWURADE asɛm nie.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, wohunu deɛ Israel fie mpanimfoɔ reyɛ no esum mu, wɔn ahoni mpia mu mmaako mmaako? Ɛfiri sɛ wɔka sɛ: AWURADE nhu yɛn, AWURADE agya asase no.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Israel ne Yuda fie amumuyɛ no yɛ kɛseɛ pa ara, na mogya ayɛ asase no so ma, na ntɛnkyea ayɛ kuro no ma; na wɔka sɛ: AWURADE agya asase no, na AWURADE nhunu.


Sɛ wɔfunifuni kɔ Asamando a, me nsa bɛfa wɔn afiri hɔ aba, na sɛ wɔforo kɔ ɔsoro a, mede wɔn bɛfiri hɔ asiane.


Na sɛ wɔde wɔn ho kɔsie Karmel atifi a, mɛtwee wɔn makɔfa wɔn afiri hɔ. Na sɛ wɔfiri m’anim kɔhunta ɛpo ase a, ɛhɔ na mɛhyɛ ɔwɔ na wakeka wɔn;


Na ɛberɛ no mu mede nkanea bɛhwehwɛ Yerusalem mu, na matwe nnipa a wɔagya wɔn ho ama bɔne no aso, wɔn a wɔse no wɔn akoma mu sɛ: AWURADE renyɛ ho hwee.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios