Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hiob 22:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Ɛnyɛ ɔsoro korɔn mu na Onyankopɔn wɔ? Na hwɛ nsoromma a ɛwɔ sorosoro no sɛdeɛ ɛkorɔn fa!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Ɛnyɛ ɔsoro korɔn mu na Onyankopɔn wɔ? Na hwɛ nsoromma a ɛwɔ sorosoro no sɛdeɛ ɛkorɔn fa!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 “So Onyankopɔn nni ɔsoro akyirikyiri ana? Hwɛ sɛnea ɔsoro akyirikyiri nsoromma korɔn!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 “Onyankopɔn nni ɔsoro akyirikyiri? Hwɛ sɛdeɛ ɔsoro akyirikyiri nsoromma korɔn!

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 So ɛnyɛ ɔsoro korɔn mu na Onyankopɔn wɔ? Na hwɛ nsoromma a ɛwɔ sorosoro no sɛ ɛkorɔn fa!

Ver Capítulo Copiar




Hiob 22:12
10 Referencias Cruzadas  

Wobɛhwehwɛ ahunu Onyankopɔn anaasɛ wobɛhunu akɔduru Otumfoɔ pɛyɛ mu anaa?


Ɛkorɔn sɛ ɔsoro, — ɛdeɛn na wobɛyɛ? Ɛyɛ kuronkuron sɛ Asamando, — ɛdeɛn na wonim?


Hwɛ ɔsoro, na hunu, na hwɛ mununkum a ɛkorɔn sene woɔ no.


Ɔsoro yɛ AWURADE soro, na asase deɛ, ɔde ama nnipa mma.


Na yɛn Nyankopɔn wɔ ɔsoro, deɛ ɔpɛ nyinaa na ɔyɛ.


Sɛ worekɔ Nyankopɔn fie a, wɛn wo nan, na wobɛn kɔtie a, ɛyɛ sene nkwaseafoɔ afɔrebɔ; na wɔn deɛ, wɔnnim sɛ wɔreyɛ bɔne.


Mma w’ano nnyɛ worɔworɔ, na w’akoma nso mmpɛ ntɛm mmma asɛm bi mmfi wɔ Nyankopɔn anim, na Onyankopɔn wɔ ɔsoro, na wo deɛ, wowɔ asase so; enti ma wo nsɛm nyɛ kakraa bi.


Na sɛ deɛ ɔkorɔn na wɔama no soɔ, deɛ ɔte hɔ daa na ne din yɛ kronkron no seɛ nie: Mete soro ne deɛ ɛhɔ yɛ kronkron, ne deɛ wabubuo na ne honhom brɛ aseɛ no nkyɛn nso, sɛ mɛma ahobrɛasefoɔ honhom anya nkwa, na mama wɔn a wɔabubu wɔn no akoma anya nkwa.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɔsoro yɛ m’adwa, na asase yɛ me nan ntiasoɔ; ɛdan bɛn na mobɛsi ama me, na ɛhe na me homebea wɔ?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios