Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hiob 21:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Adɛn nti na abɔnefoɔ nya nkwa, wɔnyini kyɛ, na wɔyɛ ahoɔdenfoɔ akɛseɛ nso?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Adɛn nti na abɔnefoɔ nya nkwa, wɔnyini kyɛ, na wɔyɛ ahoɔdenfoɔ akɛseɛ nso?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Adɛn nti na amumɔyɛfo tena nkwa mu? Wonyin kyɛ na wɔkɔ so di tumi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Adɛn enti na amumuyɛfoɔ tena nkwa mu? Wɔnyini kyɛ na wɔkɔ so di tumi.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Adɛn nti na abɔnefo nya nkwa? Wonyin kyɛ, na wɔyɛ ahoɔdenfo akɛse nso?

Ver Capítulo Copiar




Hiob 21:7
14 Referencias Cruzadas  

Ɔpa asɔfoɔ ho de wɔn kɔ, na ɔde wɔn a wɔatim no hwe fam;


Amimfoɔ ntomadan si hɔ dwoodwoo, na wɔn a wɔhuru Nyankopɔn boɔ te hɔ komm, wɔn a wɔkura wɔn nyame wɔ wɔn nsam no.


Wɔde asase ahyɛ ɔbɔnefoɔ nsa, ɔkata n’atemmufoɔ ani. Sɛ ɛnyɛ ɔno a, na ɛyɛ hwan a?


Wɔapirim wɔn akoma a wɔnni mmɔborɔhunu biara, wɔde wɔn ano kasa ahantan kasa.


Mahunu ɔbɔnefoɔ a ɔdi tumi, na ɔdennane sɛ dua frɔmm a anya asiyɛ,


Mahunu adeɛ nyinaa m’abrabɔ hunu nna mu: Ɔteneneeni bi wɔ hɔ a, ne tenenee nyinaa mu no, ɔyera firi hɔ, na ɔbɔnefoɔ bi nso wɔ hɔ a, ne bɔne nyinaa akyiri no, ɔtena ase kyɛre.


Ahuhudeɛ bi nso wɔ asase so; sɛ ateneneefoɔ bi wɔ hɔ a adeɛ a ɛfata abɔnefoɔ nneyɛɛ bɛto wɔn, na abɔnefoɔ bi nso wɔ hɔ a adeɛ a ɛfata ateneneefoɔ nneyɛɛ bɛto wɔn. Mekaa sɛ yei nso yɛ ahuhudeɛ.


Awɛmfoɔ kronkron yi agyina so na asɛm yi nam, na akronkronfoɔ asɛm so na adeɛ yi sie, deɛ ɛbɛyɛ na ateasefoɔ ahunu sɛ: Deɛ ɔwɔ ɔsorosoro na ɔdi nnipa ahennie so tumi, na ɔde ma obiara a ɔpɛ, na ɔde nnipa mu ahobrɛasefoɔ si soɔ.


Wo a w’aniwa yɛ kronkron a wontumi nhwɛ bɔne na wontumi nhwɛ ɔhaw, adɛn nti na wohwɛ nkɔnkɔnsafoɔ, na ɔbɔnefoɔ mene ɔteneneeni a ɔtene sene no a, woyɛ komm?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios