Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hiob 19:23 - New Revised Asante Twi Bible

23 O, sɛ anka wɔretwerɛ me nsɛm ɛ! Sɛ wɔde rehyɛ nwoma mu ɛ!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

23 O, sɛ anka wɔretwerɛ me nsɛm ɛ! Sɛ wɔde rehyɛ nwoma mu ɛ!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 “Ao, sɛ anka wɔde me nsɛm bɛhyɛ nhoma mu, anka wɔbɛkyerɛw wɔ nhoma mmobɔwee so,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 “Ao, anka wɔmfa me nsɛm nhyɛ nwoma mu, anka wɔntwerɛ wɔ nwoma mmobɔeɛ so,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

23 O, sɛ anka wɔrekyerɛw me nsɛm ɛ! Sɛ wɔde rehyɛ nhoma mu ɛ!

Ver Capítulo Copiar




Hiob 19:23
5 Referencias Cruzadas  

Afei kɔ na kɔtwerɛ no ɛpono bi so ma wɔn, na kurukyire hyɛ nwoma mu, na ɛntena hɔ nyɛ adanseɛ nkɔsi daa daa.


Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Fa twerɛpono kɛseɛ, na fa ɔdasani twerɛdua twerɛ so sɛ: Maher-salal-has-bas.


O, sɛ anka merenya obi a ɔbɛtie me ɛ! (Hwɛ, m’agyiraeɛ nie! Otumfoɔ mmua me!) O, sɛ anka ɔbarima a ɔne me anya no retwerɛ asɛm a ɔne me wɔ no ɛ!


Sɛ wɔde dadeɛ adetwerɛdeɛ ne sumpii rekurukyire ɔbotan mu na atena hɔ daa ɛ!


Fa nwoma mmobɔeɛ bi kura, na twerɛ nsɛm a maka makyerɛ woɔ no nyinaa, Israel ne Yuda ne amanaman no nyinaa ho, firi da a mekasa mekyerɛɛ woɔ, firi Yosia berɛ so de bɛsi nnɛ da yi no hyɛ mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios